8
Wɔtaa Akyidifo No Ma Wɔbɔ Ahwete
Saulo penee kum a wokum Stefano no so. Saa da no ara, wɔtaa agyidifo a wɔwɔ Yerusalem no maa wɔn nyinaa bɔɔ ahwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsase so ma ɛkaa asomafo no nko ara. Onyamesurofo bi kɔfaa Stefano kosiee no. Wosuu no yiye. Esiane sɛ na Saulo pɛ sɛ ogu asafo no nti ɔkɔɔ afi mu kɔkyekyeree agyidifo mmarima ne mmea de wɔn guu afiase.
Filipo Ka Asɛmpa No Wɔ Samaria
Agyidifo a na wɔabɔ ahwete no kaa asɛmpa no wɔ baabiara a wɔkɔe. Filipo kɔɔ Samaria kurow bi mu kɔkaa Agyenkwa no ho asɛm kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ hɔ no. Bere a nnipakuw no tee asɛm a Filipo reka na wohuu anwonwade a ɔyɛe no, wɔn nyinaa tiee no. Ahonhommɔne de nteɛteɛmu fii nnipa bebree mu. Saa ara na mmubuafo ne mpakye nso sɔre nantewee. Eyi nti anigye baa Samaria.
Simon Nkonyaayifo No
Na ɔbarima bi te saa kurow yi mu a wɔfrɛ no Simon a ɔyɛ nkonyaayifo a esiane ne nkonyaayi no nti Samariafo pii gye no di. Na ɔyɛ obi a ɔhoahoa ne ho sɛ odi mu. 10 Eyi maa nnipa a wɔwɔ kurow no mu no nyinaa gyee no too mu kae se, “Saa onipa yi ne Onyankopɔn tumi a wɔfrɛ no Ɔkɛse no.” 11 Esiane ne nkonyaa a na oyi no nti, ɛmaa nnipa no nyinaa tu dii nʼakyi. 12 Bere a saa nnipa yi gyee asɛmpa a Filipo ka faa Onyankopɔn ahenni ne Yesu Kristo din no ho dii no, wɔbɔɔ mmarima ne mmea nyinaa asu. 13 Simon nso gye dii ma wɔbɔɔ no asu. Baabiara a Filipo kɔe no, Simon dii nʼakyi. Anwonwade a ohuu no maa ne ho dwiriw no.
14 Bere a asomafo a wɔwɔ Yerusalem no tee sɛ Samariafo agye Onyankopɔn asɛm no adi no, wɔsomaa Petro ne Yohane kɔɔ wɔn nkyɛn. 15 Woduu hɔ no, wɔbɔɔ mpae maa agyidifo no sɛnea ɛbɛyɛ a Honhom Kronkron bɛba wɔn so, 16 efisɛ saa bere no na asu kɛkɛ na wɔnam Awurade Yesu din so abɔ. Na Honhom Kronkron nnya mmaa wɔn so ɛ. 17 Afei Petro ne Yohane de wɔn nsa guguu wɔn so maa Honhom Kronkron baa wɔn so.
18 Simon huu sɛ asomafo no nsa a wɔde guguu wɔn so no na ɛma wonyaa Honhom Kronkron no, ɔmaa Petro ne Yohane sika srɛɛ sɛ, 19 “Momma me saa tumi yi bi na obiara a mede me nsa begu no so no anya Honhom Kronkron no bi.”
20 Petro ka kyerɛɛ no se, “Nnome nka wo ne wo sika nyinaa, efisɛ wususuw sɛ wubetumi de sika atɔ Onyankopɔn akyɛde no. 21 Wunni kyɛfa biara wɔ yɛn dwumadi yi mu, efisɛ wo koma mu ntew wɔ Onyankopɔn anim. 22 Sakra wʼadwene fi wo bɔne yi ho na bɔ mpae srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa wo bɔne nkyɛ wo. 23 Mihu sɛ anibere bɔne ahyɛ wo koma mu ama bɔne afa wo nnommum.”
24 Simon srɛɛ Petro ne Yohane se, “Mommɔ mpae mma me na saa nnome yi mu biara amma me so.”
25 Ansa na Petro ne Yohane redu Yerusalem no, wɔkaa asɛmpa no wɔ Samaria nkuraa bebree ase.
Filipo Ne Etiopiani No
26 Awurade bɔfo ka kyerɛɛ Filipo se, “Sɔre siesie wo ho kɔ anafo kwan a efi Yerusalem kɔ Gasa no so.” 27 Bere a Filipo rekɔ no, ohyiaa Etiopiani piamni bi a ɔyɛ Etiopiahemmea Kandake dabeni*. Na saa onipa yi akɔ asɔre wɔ Yerusalem, 28 a na ɔte ne teaseɛnam mu resan akɔ fie. Na ɔrekenkan Odiyifo Yesaia nhoma no. 29 Honhom Kronkron ka kyerɛɛ Filipo se, “Twiw bɛn no.”
30 Filipo yɛɛ ntɛm kɔɔ teaseɛnam no ho na ɔtee sɛ ɔrekenkan Odiyifo Yesaia nhoma no, obisaa se, “Wote nea worekenkan yi ase ana?”
31 Piamni no buaa no se, “Mɛyɛ dɛn na mate ase? Gye sɛ obi kyerɛ me ase.” Afei ɔka kyerɛɛ Filipo se ɔmforo mmɛtena ne nkyɛn wɔ ne teaseɛnam no mu.
32 Na piamni no rekenkan saa Kyerɛwsɛm yi:
“Ɔte sɛ oguamma a wɔrekokum no.
Sɛnea oguamma yɛ komm wɔ ne nwitwitwafo anim no,
saa ara na wammue nʼano.
33 Nʼanimguase mu, wannya odimafo.
Na hena na ɔbɛka nʼasefo ho asɛm?
Efisɛ woyii no fii asase yi so.”
34 Piamni no bisaa Filipo se, “Odiyifo no reka nʼankasa ho asɛm anaa obi foforo ho asɛm?” 35 Filipo nam saa asɛm no so kaa nsɛmpa a ɛfa Yesu ho no kyerɛɛ no.
36 Wɔrekɔ no woduu asu bi ho. Piamni no ka kyerɛɛ Filipo se, “Nsu ni. Dɛn na esiw wo kwan sɛ wobɔ me asu?” 37 Filipo ka kyerɛ no se, “Sɛ wufi wo koma mu gye di a, mɛbɔ wo asu.” Piamni no buaa no se, “Migye di. Migye di sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba.” 38 Piamni no hyɛ maa teaseɛnam no gyinae. Ɔne Filipo kɔɔ asu no ho ma ɔbɔɔ no asu. 39 Wofi nsu no mu no, Onyankopɔn Honhom hwim Filipo fii piamni no nkyɛn kɔe. Wanhu Filipo bio de, nanso ɔde anigye toaa nʼakwantu no so. 40 Filipo kopuee Asoto kɔɔ so kaa asɛmpa no wɔ nkurow no mu kosii sɛ okoduu Kaesarea.
* 8:27 Dabeni: Obi a ɔhwɛ ɔhene anaa ɔhemmea nnabea ne nʼahode so.