7
Stefano Yi Ne Ho Ano
Ɔsɔfopanyin no bisaa Stefano se, “Nsɛm a wɔaka agu wo so no nyinaa yɛ nokware ana?”
Stefano buae se, “Anuanom ne agyanom, muntie me! Ansa na yɛn agya Abraham rebefi Mesopotamia akɔtena Haran no, Onyankopɔn daa nʼanuonyam adi kyerɛɛ no, ka kyerɛɛ no se, ‘Fi wʼabusuafo nkyɛn ne wʼasase so kɔ baabi a mɛkyerɛ wo no.’
“Enti ofii Kaldea asase so kɔtenaa Haran. Abraham agya wu akyi no Onyankopɔn ma ɔbɛtenaa asase a mote so mprempren yi so. Onyankopɔn amfa asase no fa baabiara ankyɛ Abraham sɛ nʼankasa de. Nanso Onyankopɔn hyɛɛ no bɔ sɛ ɛbɛyɛ ɔne nʼasefo nyinaa dea. Bere a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ yi na onni mma. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se, ‘Wʼasefo bɛtena ananafo asase so ayɛ nkoa wɔ hɔ na wɔayɛ wɔn ayayade mfe ahannan. Na mɛtwe ɔman a wɔbɛsom wɔn no aso; na ɛno akyi wobefi saa ɔman no mu abɛsom me wɔ ha.’ Onyankopɔn ne Abraham yɛɛ apam na wɔde twetiatwa yɛɛ apam no ho nsɛnkyerɛnne. Eyi nti wɔwoo Isak nnaawɔtwe akyi na wotwaa no twetia; Isak nso twaa Yakob twetia, saa ara na Yakob twitwaa agyanom mpanyin dumien no nso twetia.
“Agyanom mpanyin no ani beree Yosef enti wɔtɔn no ma ɔkɔyɛɛ akoa wɔ Misraim. Nanso esiane sɛ na Onyankopɔn wɔ nʼafa nti 10 oyii no fii ne haw nyinaa mu. Ɔmaa Yosef nyansa na Misraimhene Farao pɛɛ nʼasɛm. Eyi maa Farao yɛɛ Yosef ɔman no so amrado ne ahemfi hɔ nyinaa sohwɛfo.
11 “Saa bere no mu na ɔkɔm kɛse ne ahohia sii Misraim ne Kanaan asase nyinaa so a na yɛn agyanom nnya aduan mpo nni. 12 Enti bere a Yakob tee sɛ aduan wɔ Misraim no, ɔsomaa ne mma a wɔyɛ yɛn agyanom ma wɔkɔɔ hɔ nea edi kan. 13 Wɔkɔɔ ne mprenu so no, Yosef daa ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom, na ɛnam so ma Farao huu Yosef abusuafo. 14 Yosef kraa nʼagya Yakob se ɔne nʼabusuafo nyinaa mmra Misraim. Na wɔn nyinaa dodow yɛ aduɔson anum. 15 Afei, Yakob kɔtenaa Misraim na ɛhɔ na ɔne yɛn agyanom nyinaa wuwui. 16 Wɔde wɔn amu no kɔɔ Sekem kosiee wɔn wɔ Abraham asiei bi a ɔtɔ fii Hamor abusua mu no hɔ.
17 “Bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham no bere redu no, na yɛn nkurɔfo a wɔwɔ Misraim no ase atrɛw. 18 Akyiri no, ɔhene foforo bi bedii ade wɔ Misraim a na onnim Yosef ho asɛm. 19 Saa ɔhene yi de atirimɔden dii yɛn agyanom so, hyɛɛ wɔn ma wɔtotow wɔn mma gui sɛnea ɛbɛyɛ a wobewuwu.
20 “Saa bere yi mu na wɔwoo Mose a na okura Onyankopɔn anuonyam no. Wɔhwɛɛ no wɔ nʼagya fi asram abiɛsa, 21 na woyii no fii hɔ no, Farao babea kɔfaa no de no baa ne fi hwɛɛ no sɛ nʼankasa ne ba. 22 Wɔtetew no wɔ Misraimfo nimdeɛ mu ma ɔyɛɛ den wɔ ɔkasa ne nneyɛe mu.
23 “Mose dii mfe aduanan no, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrekɔsra ne nuanom Israelfo. 24 Oduu hɔ no ohuu sɛ Misraimni bi resisi ne nuanom mu baako bi. Mose kɔboaa ne nua no ma Mose kum Misraimni no. 25 Mose susuw sɛ nʼankasa nkurɔfo behu sɛ Onyankopɔn nam ne so bɛma wɔade wɔn ho nanso wɔante ase. 26 Ade kyee no, ohuu sɛ Israelfo baanu bi reko enti ɔkɔɔ hɔ sɛ ɔrekɔpata. Obisaa wɔn se, ‘Adɛn nti na moatwa mo ho reko? Munnim sɛ moyɛ anuanom ana?’
27 “Nea ɔresisi ne yɔnko no sum Mose bisaa no se, ‘Hena na ɔyɛɛ wo yɛn so panyin ne otemmufo? 28 Wopɛ sɛ wukum me sɛnea nnɛra wukum Misraimni no ana?’ 29 Mose tee saa no, otu fii Misraim kɔtenaa Midian asase so. Ɛhɔ na ɔwoo mmabarima baanu.
30 “Mfe aduanan akyi no, ɔbɔfo nam wura bi gyaframa mu yii ne ho adi kyerɛɛ Mose wɔ sare bi a ɛbɛn bepɔw Sinai no so. 31 Nea Mose huu no maa ne ho dwiriw no enti otwiw bɛn ho pɛɛ sɛ ɔhwɛ no yiye. Ɔtee Awurade nne se, 32 ‘Mene wo agyanom Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn.’ Ehu kaa Mose nti wantumi anhwɛ.
33 “Awurade ka kyerɛɛ Mose se, ‘Worɔw wo mpaboa, efisɛ faako a wugyina no yɛ asase kronkron. 34 Mahwɛ na mahu atirimɔden a wɔde yɛ me manfo a wɔwɔ Misraim no. Mate apini a wɔresi no nyinaa na maba sɛ merebegye wɔn. Yɛ ntɛm na mensoma wo nkɔ Misraim.’
35 “Saa Mose yi ne obi a Israelfo poo no bere a wobisaa no se, ‘Hena na ɔyɛɛ wo yɛn so panyin ne otemmufo no?’ Ɔno na Onyankopɔn nam ɔbɔfo a oyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ nwura a ɛrehyew no gyaframa mu no, yɛɛ no ɔpanyin ne ogyefo. 36 Ɔno na ɔnam anwonwade ne nsɛnkyerɛnne so yii Israelfo fii Misraim de wɔn twaa Po Kɔkɔɔ no, dii wɔn anim wɔ sare so mfe aduanan no.
37 “Mose yi ara na ɔka kyerɛɛ Israelfo se, sɛnea Onyankopɔn somaa me no, saa ara na obeyi odiyifo a ɔte sɛ me afi mo mu aba mo nkyɛn. 38 Ɔno ne obi a ɔne Israelfo yɛɛ nhyiamu wɔ sare no so hɔ; ɔne yɛn agyanom ne ɔbɔfo a ɔkasa kyerɛɛ wɔn wɔ Sinai Bepɔw no so no. Ne nsa kaa Onyankopɔn asɛm a nkwa wɔ mu no de brɛɛ yɛn.
39 “Nanso yɛn agyanom antie no. Wɔpoo no pɛɛ sɛ wɔsan kɔ Misraim asase so bio. 40 Enti wɔka kyerɛɛ Aaron se, ‘Yɛ ahoni bi a wobedi yɛn anim ma yɛn, efisɛ yennim asɛm a ato saa Mose a oyii yɛn fii Misraim asase so no!’ 41 Wɔyɛɛ nantwi ba sɛso honi bi bɔɔ afɔre maa no, gyee wɔn ani sɛnea ɛsɛ. 42 Onyankopɔn twee ne ho fii wɔn ho ma wɔsom ɔsoro nsoromma sɛnea wɔakyerɛw wɔ adiyifo nhoma mu se,
“ ‘Israelfo, ɛnyɛ me na mode afɔrebɔde ne ayɛyɛde brɛɛ me
mfe aduanan wɔ sare so ana?
43 Mode mo ho nyinaa ato Molek nyame,
ne mo honi Rɛfan so;
wɔyɛ ahoni a moayɛ sɛ mobɛsom wɔn.
Saa nti mɛpam mo akogu Babilonia akyi.’
44 “Saa bere no na ntamadan a edi adanse sɛ Onyankopɔn ka ne manfo ho no ka yɛn agyanom ho wɔ sare so hɔ. Mose sii ntamadan yi sɛnea Onyankopɔn kyerɛɛ no sɛ onsi no no ara pɛ. 45 Akyiri no, yɛn agyanom a Yosua dii wɔn anim no de ntamadan no baa asase a Onyankopɔn pam so nnipa de maa wɔn no so. Esii hɔ ara kosii Dawid bere so. 46 Onyankopɔn hyiraa Dawid enti obisaa Onyankopɔn se ɔmma onsi asɔredan mma Yakob Nyankopɔn. 47 Nanso Salomo na osii dan no maa Onyankopɔn.
48 “Nanso ɔsorosoro Nyankopɔn nte ɔdan a nnipa asi mu, sɛnea odiyifo no ka se,
49 “ ‘Ɔsoro yɛ mʼahengua,
Awurade na ose.
Na asase yɛ mʼanan ntiaso.
Ɔdan bɛn na wubesi ama me?
Na mʼahomegyebea wɔ he?
50 Ɛnyɛ mʼankasa na meyɛɛ eyinom nyinaa?’
51 “Mo asoɔdenfo, mo a mo koma apirim na muntie Onyankopɔn asɛm. Mote sɛ mo agyanom pɛpɛɛpɛ. Mo nso daa musiw Honhom Kronkron no ho kwan. 52 Odiyifo bi wɔ hɔ a mo agyanom antaa no ana? Wokum Onyankopɔn asomafo a wodii kan bɔɔ ɔtreneeni a ɔbɛba no ho dawuru. Saa ara nso na moapa no, akum no. 53 Mo ara ne nnipa a monam abɔfo so nyaa Onyankopɔn mmara no, nanso moanni so.”
Wosiw Stefano Abo
54 Agyinatufo no tee asɛm a Stefano kae no, wɔn bo fuw yiye. 55 Nanso Stefano a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no maa nʼani so hwɛɛ ɔsoro huu Onyankopɔn anuonyam ne Yesu Kristo sɛ ogyina Onyankopɔn nsa nifa so. 56 Stefano kae se, “Mihu sɛ ɔsoro abue na Onipa Ba no gyina Onyankopɔn nsa nifa so!”
57 Wɔteɛteɛɛ mu de wɔn nsa sisiw wɔn aso. Afei wɔn nyinaa bɔɔ twi kɔtow hyɛɛ no so, 58 twee no kɔɔ kurotia kosiw no abo. Wɔn a wosiw no abo no yiyii wɔn ntama de maa aberante bi a wɔfrɛ no Saulo sɛ ɔnhwɛ so.
59 Wɔresiw Stefano abo no nyinaa na ɔrebɔ mpae se, “Awurade Yesu, wo nsam na mede me honhom hyɛ!” 60 Afei obuu nkotodwe teɛɛ mu dennen se, “Awurade, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn.” Ɔkaa saa no, owui.