6
Woyi Asafo No Mu Asomfo
Bere bi akyi a na asuafo no redɔɔso no, akasakasa sii Hebrifo a wɔka Arameike ne Hebrifo a wɔka Hela kasa no ntam. Na Hebrifo a wɔka Hela no asɛm ne sɛ, Hebrifo a wɔka Arameike no nhwɛ wɔn akunafo yiye. Enti asomafo dumien no frɛɛ asuafo no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnsɛ sɛ yegyae Onyankopɔn asɛnka kɔkyɛ aduan. Enti anuanom, munyi mo mu nnipa baason a Honhom Kronkron ahyɛ wɔn ma na wonim nyansa na wɔahwɛ aka saa asɛm no. Yɛn ankasa de, yɛde yɛn adagyew nyinaa bɛbɔ mpae aka Asɛmpa no.”
Nnipa no nyinaa penee adwene a asomafo no de bae no so. Enti, woyii Stefano a na gyidi ne Honhom Kronkron ahyɛ no ma no, ne Filipo, Prokoro, Nikanor, Timon, Pamina ne Nikolao a ofi Antiokia a na anka ɔwɔ Yudasom mu no. Wɔde saa nnipa yi kyerɛɛ asuafo no ma wɔbɔɔ mpae de wɔn nsa guu wɔn so.
Nnipa pii gyee asɛm no di maa wɔn mu dodow no ara bɛkaa wɔn ho. Yudafo no mu pii nso gyee wɔn nkyerɛkyerɛ no dii.
Wɔkyere Stefano
Stefano a Onyankopɔn adom ne tumi ahyɛ no ma no yɛɛ anwonwade ahorow bebree wɔ asafo no mu. Nanso da koro bi, nnipa bi a wofi Yudafo hyiadan bi a wɔfrɛ no “Ahofadifo Hyiadan” no mu a wɔyɛ Yudafo a wofi Kirene ne Aleksandria ne wɔn a wofi Kilikia ne Asia no ne Stefano gyee akyinnye. 10 Nanso Honhom no maa Stefano nyansa ma ɔde kasae a obiara antumi anka hwee.
11 Ɛno nti wɔka hyɛɛ nkurɔfo bi ano se, “Yɛtee sɛ ɔreka abususɛm atia Mose ne Onyankopɔn.”
12 Wɔnam saa ɔkwan yi so maa nnipa no ne mpanyin no ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no sɔre tiaa Stefano. Wɔbɛkyeree Stefano de no kɔɔ baguafo anim. 13 Afei, wɔde nnipa ba bedii adansekurum tiaa Stefano se, “Saa onipa yi ka abususɛm tia yɛn asɔredan kronkron no ne Mose Mmara no daa. 14 Yɛtee mpo sɛ ɔreka se, saa Yesu Nasareni no bedwiriw yɛn asɔredan no agu na wasesa yɛn amanne a Mose de gyaw yɛn no!”
15 Nnipa a na wɔte bagua mu hɔ no nyinaa hwɛɛ Stefano anim, na wohuu sɛ nʼanim ayɛ te sɛ ɔsoro ɔbɔfo anim.