5
Anania Ne Safira
Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania ne ne yere Safira kɔtɔn wɔn agyapade bi. Ɔne ne yere yi yɛɛ adwene de sika a wonyae no bi siei, na wɔde nkae no brɛɛ asomafo no.
Petro bisaa no se, “Anania, adɛn nti na woama ɔbonsam ho kwan ama wabɛhyɛ wo mu na woadi atoro akyerɛ Honhom Kronkron no na wode sika a wunyaa no bi asie? Ansa na worebɛtɔn agyapade no na ɛnyɛ wʼankasa wo de; wotɔn wiee no nso sika a wunyae no, na ɛnyɛ wo de; na adɛn nti na woyɛɛ wʼadwene sɛ wobɛyɛ nea woayɛ yi? Ɛnyɛ nnipa na woadi atoro akyerɛ wɔn, na mmom woadi atoro akyerɛ Onyankopɔn.”
Anania tee saa asɛm yi ara pɛ, otwa hwee fam wui; na ehu kaa obiara a ɔtee saa asɛm no. Wɔn mu mmerante no ba bɛkyekyeree amu no fii adi kosiee no.
Ɛbɛyɛ nnɔnhwerew abiɛsa akyi no, ne yere a na onnim asɛm a asi no baa hɔ. Petro bisaa no se, “Wo ne wo kunu, motɔn mo asase no, sika a munyae nyinaa ara ni? Ka kyerɛ me.”
Obuaa se, “Yiw ne nyinaa ne no.”
Petro ka kyerɛɛ no se, “Adɛn nti na wo ne wo kunu penee so sɛ mobɛsɔ Onyankopɔn Honhom ahwɛ? Hwɛ! Nnipa a wokosiee wo kunu no gyina ɔpon yi akyi, na saa ara na wo nso, wɔbɛsoa wo akosie wo.”
10 Amono mu hɔ ara, otwa hwee Petro anim wui. Mmerante no behuu sɛ wawu no, wɔsoaa no kosiee no wɔ ne kunu nkyɛn. 11 Ehu kɛse bɔɔ asafo no nyinaa ne nnipa a wɔtee saa asɛm no.
Asomafo No Sa Nyarewa
12 Na asomafo no taa hyia wɔ asɔredan no fa baabi a wɔfrɛ no “Salomo Abrannaa” so hɔ. Sɛ wohyia wɔ hɔ saa a, wɔyɛ anwonwade ahorow pii. 13 Ɛwɔ mu sɛ na nnipa a wɔnka wɔn ho no di wɔn ho adanse pa de, nanso wɔn mu biara antumi amfa wɔn ho ankɔbɔ asomafo no ho. 14 Akyiri no, nnipa dodow a wogyee Awurade dii no bɛkaa agyidifo no ho. 15 Esiane anwonwade a na asomafo no reyɛ no nti, wɔsoaa ayarefo baa mmɔnten so de wɔn totoo mpa ne akɛtɛ so sɛnea ɛbɛyɛ a Petro sunsuma bɛtɔ wɔn mu bi so kɛkɛ. 16 Nkurɔfo a wofifi nkurow a atwa Yerusalem ho ahyia no de wɔn ayarefo ne wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn mu no ba ma wɔsaa wɔn nyinaa yare.
Wɔtaa Asomafo No
17 Ɔsɔfopanyin ne ne dɔm ne Sadukifo no ani beree asomafo no so yiye enti wɔyɛɛ adwene sɛ wɔbɛtwe wɔn aso. 18 Ɛno nti, wɔkyeree asomafo no de wɔn koguu afiase. 19 Da no ara anadwo, Awurade bɔfo behiɛɛ afiase apon no dii asomafo no anim ka kyerɛɛ wɔn se, 20 “Monkɔ asɔredan mu nkɔka nkwa foforo yi ho asɛm nkyerɛ nnipa no.”
21 Asomafo no dii asɛm a ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn no so; enti anɔpahema no wɔkɔɔ asɔredan mu hɔ kofii ase kyerɛkyerɛe.
Ɔsɔfopanyin no ne ne dɔm no frɛɛ Yudafo mpanyin ma wɔyɛɛ nhyiamu kɛse bi; afei wɔsoma ma wɔkɔɔ afiase hɔ sɛ wɔnkɔfa asomafo no mmra wɔn anim. 22 Nanso, bere a nnipa no duu afiase hɔ no, wɔanhu asomafo no; enti wɔsan ba bɛbɔɔ wɔn amanneɛ se, 23 “Bere a yeduu afiase hɔ no, yehuu sɛ wɔatoto afiase apon no nyinaa mu petee a awɛmfo no gyinagyina ano. Nanso yebuebuee apon no, yɛanhu obiara wɔ mu.” 24 Bere a ɔpanyin a ɔhwɛ asɔredan mu awɛmfo no so ne asɔfo mpanyin no tee saa asɛm no, wɔn adwene mu yɛɛ wɔn naa, efisɛ na wonhu asɛm a asi.
25 Ankyɛ koraa na ɔbarima bi baa hɔ bɛka kyerɛɛ wɔn se, “Nnipa a mode wɔn guu afiase no gyinagyina asɔredan no mu rekyerɛkyerɛ nnipa no.” 26 Awɛmfo no so panyin no tee asɛm no, ɔne ne nkurɔfo no kɔkyeree asomafo no de wɔn bae. Awɛmfo no so panyin no ne awɛmfo no amfa asomafo no amma ɔhyɛ so, efisɛ na wonim sɛ, sɛ wɔyɛ saa a, nnipa no besiw wɔn abo.
27 Wɔde asomafo no begyinaa agyinatufo no anim ma Ɔsɔfopanyin no ka kyerɛɛ wɔn se, 28 “Yɛhyɛɛ mo sɛ monnkyerɛkyerɛ wɔ Yesu din mu, nanso moantie. Mode mo nkyerɛkyerɛ yi afa Yerusalem baabiara, na mopɛ sɛ mokyerɛ sɛ, yɛn na yekum saa ɔbarima no!”
29 Petro ne asomafo a wɔka ne ho no buaa wɔn se, “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn na ɛnyɛ nnipa, 30 efisɛ mobɔɔ Yesu asennua mu, kum no no, yɛn agyanom Nyankopɔn nyan no fii owu mu. 31 Onyankopɔn hyɛɛ no anuonyam de no tenaa ne nsa nifa so sɛ Ɔhene ne Agyenkwa a ɛnam no so bɛma Israelfo asakra wɔn adwene na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn. 32 Yɛne Honhom Kronkron a ɛyɛ akyɛde a Awurade de ma wɔn a wotie no no di eyi ho adanse.”
33 Agyinatufo no tee asɛm no, wɔn bo fuwii, na wɔkae se wobekum asomafo no. 34 Nanso wɔn mu baako a wɔfrɛ no Gamaliel a ɔyɛ Farisini na ɔsan yɛ Kyerɛwsɛm no kyerɛkyerɛfo a na nnipa bu no no sɔre gyina hyɛɛ sɛ wɔmfa asomafo no mfi adi. 35 Afei, ɔkasa kyerɛɛ agyinatufo no se, “Me nuanom Israel mmarima, munnwen nea mopɛ sɛ moyɛ saa nnipa yi ho yiye. 36 Ɛnkyɛe biara na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Teuda sɔre kaa se ɔyɛ onipa titiriw bi maa nnipa bɛyɛ ahannan tu dii nʼakyi. Nanso wokum no maa nʼakyidifo no nyinaa bɔɔ ahwete. 37 Nʼakyi na Yuda a ofi Galilea nso sɔree nnipakan bere no mu. Ɔno nso nnipa pii dii nʼakyi. Saa ara na ɔno nso wokum no maa nʼakyidifo no bɔɔ ahwete. 38 Ɛno nti mitu mo fo se, munnyaa saa nnipa yi ma wɔnkɔ wɔn baabi. Sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ ne wɔn nnwuma yi fi onipa a, ebegu. 39 Nanso sɛ efi Onyankopɔn a, morentumi nsiw wɔn kwan. Mubehu sɛ moreko atia Onyankopɔn.”
40 Agyinatufo no tiee Gamaliel afotu no. Wɔma wɔde asomafo no ba ma wɔbɔɔ wɔn mmaa* hyɛɛ wɔn sɛ wɔmmmɔ Yesu din mfa nkyerɛkyerɛ bio. Afei wogyaa wɔn.
41 Esiane sɛ asomafo no huu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɛsɛ sɛ wohu amane wɔ Yesu din mu no nti, wɔde anigye na efii asennii hɔ. 42 Wɔannyae Yesu Kristo ho asɛmpa no ka ne nkyerɛkyerɛ wɔ hyiadan ne afi mu da.
* 5:40 Yudafo asotwe a ɛyɛ mmaabɔ aduanan a wɔayi so baako na wɔde hwee wɔn (2 Ko 11.24).