9
Torobɛnto A Ɛto So Anum
Afei ɔbɔfo a ɔto so anum no hyɛn ne torobɛnto. Mihuu nsoromma a atew fi ɔsoro abɛhwe asase so. Wɔmaa no ebun a ase nni awiei safe. Nsoromma no buee bun no, na wusiw kumɔnn fii mu sɛ fononoo kɛse bi, na wusiw no maa owia hann ne mframa a ɛwɔ hɔ no yɛɛ tumm. Mmoadabi fii wusiw no mu baa asase so, na wɔmaa wɔn tumi sɛ nkekantwɛre. Wɔka kyerɛɛ wɔn se wɔnnsɛe sare anaa nnua anaa afifide biara. Na mmom, nnipa a Onyankopɔn nsɔwano no bi nni wɔn moma so no de, wotumi haw wɔn. Wɔamma saa mmoadabi no kwan se wonkunkum saa nnipa yi. Na mmom, wɔmaa wɔn kwan se wɔnhaw wɔn asram anum. Wɔka wɔn a, wɔn ano yaw no te sɛ akekantwɛre de. Saa asram anum no mu no, saa nnipa no bɛhwehwɛ owu, nanso wɔrennya. Wɔbɛpɛ sɛ wowu, nanso owu beguan afi wɔn nkyɛn.
Mmoadabi no te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn ama ɔko. Wɔwɔ biribi te sɛ sikakɔkɔɔ ahenkyɛw hyehyɛ wɔn ti. Na wɔn anim te sɛ nnipa anim. Wɔn ti nwi te sɛ mmea ti nwi, na wɔn se nso te sɛ gyata se. Wɔde biribi te sɛ dade nkatabo akatakata wɔn bo. Na nnyigyei a wɔn ntaban yɛ no te sɛ apɔnkɔ bebree a wɔretwe nteaseɛnam akɔ ɔko. 10 Bɔre wɔwɔ wɔn dua ano te sɛ akekantwɛre de. Na wɔn dua no nti na na wɔwɔ tumi a wɔde haw nnipa asram anum no. 11 Wɔwɔ ɔhene a odi wɔn so, a ɔno ne ɔbɔfo a ɔhwɛ bun no so. Ne din wɔ Hebri kasa mu de “Abadon” na Hela kasa mu nso, ɛde “Apolion” (a ɛkyerɛ Ɔsɛefo).
12 Ɔhaw baako atwa mu. Eyi akyi, ɔhaw abien bi bɛba.
Ahohommɔne Anan No
13 Afei ɔbɔfo a ɔto so asia no hyɛn ne torobɛnto. Metee nne bi fii sikakɔkɔɔ afɔremuka a esi Onyankopɔn anim no ntwea so nyinaa. 14 Nne no ka kyerɛɛ ɔbɔfo a ɔto so asia a okura torobɛnto no se, “Sansan abɔfo baanan a wɔasesa wɔn wɔ, Asubɔnten Eufrate ho no.” 15 Wɔsansan abɔfo baanan no. Wɔasiesie wɔn ama saa dɔnhwerew yi, saa da yi, saa ɔsram yi ne saa afe yi sɛ wonkunkum adesamma mu nkyɛmu abiɛsa mu baako. 16 Wodii asraafo ɔpepem ahannu anim. Wɔbɔɔ wɔn dodow no ho amanneɛ ma metee.
17 Na mʼanisoadehu no mu no, mihuu apɔnkɔ no ne wɔn akafo. Na wɔn nkatabo no yɛ kɔɔ sɛ ogya, tumm, ne akokɔsrade sɛ sufre. Na ɔpɔnkɔ no ti te sɛ gyata ti na na ogya wusiw ne sufre fi wɔn anom. 18 Saa ɔhaw ahorow abiɛsa no a ɛyɛ ogya, wusiw ne sufre no a efi apɔnkɔ no anom bae no kum adesamma nkyɛmu abiɛsa mu baako. 19 Efisɛ na apɔnkɔ no tumi nyinaa fi wɔn anom ne wɔn dua. Wɔn dua te sɛ awɔ a wɔwɔ ti a ɛno na na wɔde pira nnipa.
20 Adesamma a wɔkae no a ɔhaw no ankum wɔn no ansakra wɔn adwene amfi wɔn nsa ano nnwuma ho. Wɔannyae ahonhommɔne ne ahoni ne sika ne dwetɛ ne asanka ne abo ne nnua a enhu ade na ɛnte asɛm na entumi nnantew no som. 21 Saa ara nso na wɔansakra wɔn adwene amfi wɔn awudi ne wɔn aduto ne wɔn aguamammɔ ne wɔn akorɔmmɔ ho.