10
Onyankopɔn Nhyehyɛe Aba Mu
Afei mihuu ɔbɔfo hoɔdenfo foforo bi a ofi ɔsoro resian aba fam. Na ɔhyɛ omununkum mu a nyankontɔn bɔ ne ti. Na nʼanim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum. Na nhoma ketewaa bi kura no a wabue mu. Ɔde ne nan nifa sii po so na benkum no si asase so. Ɔde nne kɛse teɛɛ mu sɛnea gyata bobɔ mu. Ɔteɛɛ mu no, aprannaa ason kasae. Wɔkasae no, na mepɛ sɛ mekyerɛw. Nanso metee nne bi fii ɔsoro a ɛkae se, “Ma nsɛm a aprannaa ason no kaa no nka wo tirim. Nkyerɛw!”
Ɛhɔ ara ɔbɔfo a mihuu sɛ ogyina hɔ a ne nan baako si po so na baako si asase so no maa ne nsa nifa so kɔɔ soro, na ɔde Onyankopɔn a ɔte hɔ daa daa a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase ne po ne nea ɛwɔ mu nyinaa no din kaa ntam. Ɔbɔfo no kae se, “Beresɛe biara nni hɔ. Na sɛ ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛn ne torobɛnto no a, ansa na Onyankopɔn bewie nʼahintasɛm mu nhyehyɛe no, sɛnea ɔka kyerɛɛ nʼasomfo a wɔyɛ adiyifo no.”
Afei nne a metee sɛ efi ɔsoro no kasa kyerɛɛ me bio se. “Kɔ na kogye nhoma a wɔabue mu a ɔbɔfo a ogyina po ne asase so no kitae no.”
Mekɔɔ ɔbɔfo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se ɔmfa nhoma ketewa no mma me. Ɔka kyerɛɛ me se, “Gye na kɔwe. Ɛbɛkeka wɔ wo yam, nanso wʼanom de, ɛbɛyɛ dɛ te sɛ ɛwo.” 10 Migyee nhoma ketewa no fii ne nsam wee, na ɛyɛɛ dɛ te sɛ ɛwo wɔ mʼanom. Nanso, memenee akyi no, ɛmaa me yam kaw me. 11 Afei wɔka kyerɛɛ me se, “Kɔ so ka nea ɛbɛba kyerɛ aman bebree sofo, ɔkasahorow ne ahemfo nso.”