11
Nnansefo Baanu No
Wɔmaa me susudua bi a ɛte sɛ pema, na wɔka kyerɛɛ me se, “Sɔre na susuw Onyankopɔn asɔredan no ne afɔremuka no na kan wɔn a wɔresom wɔ asɔredan no mu no. Nanso mfa asɔredan no adiwo nka ho, efisɛ wɔde hɔ ama amanamanmufo, na wobetiatia kurow kronkron no so asram aduanan abien. Mɛsoma me nnansefo baanu a wofurafura atweaatam, na wɔaka Onyankopɔn asɛm saa nna apem ahannu ne aduosia no mu.” Saa nnansefo baanu no ne ngodua abien no ne akaneadua abien a esisi asase a ɛwɔ Awurade anim no so no. Ogya a efi wɔn anom bekunkum atamfo biara a wɔpɛ sɛ wɔhaw wɔn no. Ɛno nti wobekum obiara a ɔpɛ sɛ ɔhaw wɔn no. Wɔwɔ tumi sɛ wɔto ɔsoro mu a osu rentɔ wɔ bere a wɔrehyɛ nkɔm no. Wɔwɔ tumi sɛ wɔdan nsu ma ɛyɛ mogya na wɔde ɔhaw to asase so mpɛn dodow biara a wɔpɛ.
Na sɛ wɔka wɔn asɛm no wie a, aboa a obefi bun no mu apue no ne wɔn bɛko. Obedi wɔn so akunkum wɔn na wɔn amu no agu kurow kɛse no abɔnten so, wɔ faako a wɔbɔɔ wɔn Awurade nnadewa mu wɔ asennua no so a ɛhɔ din pa ne Sodom ne Misraim no. Na nnipa a wofi aman so ne mmusuakuw ne ɔkasa ahorow ne aman bi so bɛhwɛ wɔn afunu nnansa ne fa, na wɔremma kwan mma wonsie wɔn. 10 Asase so nnipa ani begye sɛ saa nnipa baanu no awuwu. Wobegye wɔn ani na wɔamema wɔn ho wɔn ho akyɛde, efisɛ saa adiyifo baanu no na wɔde ɔhaw bɛtoo asase sofo so.
11 Nnansa akyi no, honhom a efi Onyankopɔn bewura wɔn mu na wɔasɔre. Na ehu kɛse bɛka obiara a obehu. 12 Afei nne a ano yɛ den fi ɔsoro bɛka se, “Mommra ɔsoro ha.” Na bere a wɔn atamfo rehwɛ wɔn no, wɔfaa omununkum mu kɔɔ ɔsoro.
13 Saa bere koro no ara mu na asase wosow denneennen, kurow no nkyɛmu du mu baako sɛee, na nnipa mpem ason wuwuu wɔ asasewosow no mu. Nnipa a wɔaka no bɔɔ hu na wɔkamfoo Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsoro no kɛseyɛ.
14 Ɔhaw a ɛto so abien no atwa, nanso hwɛ, ɛrenkyɛ na ɔhaw a ɛto so abiɛsa aba.
Torobɛnto A Ɛto So Ason
15 Afei ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛn ne torobɛnto, na nne dennen fi ɔsoro kae se,
“Tumi a wɔde di wiase so mprempren no
yɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no de,
na obedi hene daa daa.”
16 Afei mpanyimfo aduonu anan a wɔtete wɔn ahengua so wɔ Onyankopɔn anim no de wɔn anim butubutuw fam, som Onyankopɔn, 17 kae se,
“Yɛda wo ase, Otumfo Onyankopɔn,
wo a wowɔ hɔ na wowɔ hɔ dedaw,
wonam wo tumi kɛse so
afi ase redi hene!
18 Aman bo fuwii,
na wʼabufuwhyew no aba.
Bere aso sɛ wobu awufo atɛn.
Bere a ɛsɛ sɛ wobɔ wo nkoa, adiyifo
ne wo nkurɔfo nyinaa a wosuro wo,
akɛse ne nketewa no aba so no adu.
Bere adu sɛ wosɛe wɔn a wɔsɛee asase no!”
19 Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ ɔsoro no bue ma wohuu adaka a apam no wɔ mu no wɔ asɔredan no mu. Afei anyinam ne aprannaa paapaee, na asase wosowee na mparuwbo bebree nso tɔe.