12
Ɔbea No Ne Ɔwɔ No
Afei nsɛnkyerɛnne kɛse bi daa ne ho adi wɔ ɔsoro. Ɔbea bi, na nʼatade yɛ owia a ɔsram wɔ ne nan ase, na nsoromma dumien ahenkyɛw hyɛ no. Na ɔyem a ɔrebɛwo, na awoyaw nti na ɔresu. Nsɛnkyerɛnne kɛse foforo bi daa ne ho adi wɔ ɔsoro: Ɔwɔ kɔkɔɔ kakraka bi a ne ti yɛ ason na ɔwɔ mmɛn du a ahenkyɛw hyehyɛ biara so. Ɔde ne dua twee nsoromma a ɛwɔ ɔsoro no mu nkyɛmu abiɛsa mu baako tow wɔn guu fam. Ogyinaa ɔbea a ɔrewo no anim, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔwo ɔba no to hɔ ara pɛ, ɔbɛfa abofra no awe. Afei ɔbea no woo abarimaa a ɔde nsa a ɛyɛ den bedi aman nyinaa so. Nanso wohwim abofra no kɔɔ Onyankopɔn ne nʼahengua ho. Ɔbea no guan kɔɔ sare so baabi a Onyankopɔn asiesie ama no a wɔbɛhwɛ no yiye wɔ nnafua mpem ahannu aduosia mu.
Afei ɔko sii ɔsoro hɔ. Mikael ne nʼabɔfo ko tiaa ɔwɔ no, na ɔno nso ne nʼabɔfo ko tiae. Nanso wodii ɔwɔ no so nkonim na wɔamma ɔne nʼabɔfo antena ɔsoro bio. Wɔtow ɔwɔ kakraka no kyenee. Ɔno ne ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam a ɔdaadaa wiase nyinaa no. Wɔtow ɔno ne nʼabɔfo nyinaa guu asase so.
10 Afei metee nne dennen bi wɔ ɔsoro a ɛka se,
“Afei na Onyankopɔn nkwagye aba!
Afei na Onyankopɔn akyerɛ ne tumi sɛ ɔyɛ Ɔhene!
Afei na nʼAgyenkwa no akyerɛ ne tumi,
efisɛ yɛn nuanom no ahohorabɔni a
ogyinaa Onyankopɔn anim bɔɔ wɔn ahohora awia ne anadwo no,
wɔapam no afi ɔsoro.
11 Yɛn nuanom no nam Oguamma no mogya so
ne nokware a ɔdaa no adi no so
dii ne so nkonim.
Na wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔde wɔn nkwa bɛto hɔ
na wɔawuwu.
12 Enti mo ɔsoro ne mo a motete hɔ no,
momma mo ani nnye.
Afei asase ne po nnue!
Efisɛ ɔbonsam no atoa mo
na ne bo afuw
efisɛ onim sɛ, ne bere a aka sua.”
13 Bere a ɔwɔ no huu sɛ wɔatow no akyene asase so no, ɔtaa ɔbea a wawo abarimaa no. 14 Wɔmaa ɔbea no ɔkɔre ntaban akɛse abien, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi atu akɔ faako a wɔasiesie ama no wɔ sare so hɔ a wɔbɛhwɛ no mfe abiɛsa ne fa sɛnea ɔwɔ no renni nʼakyi bio. 15 Afei ɔwɔ no puw nsu te sɛ asubɔnten dii ɔbea no akyi sɛnea ɛbɛyɛ a, ɛbɛfa no. 16 Nanso asase boaa ɔbea no. Ebuee nʼanom nom nsu a ɔwɔ no puw guu hɔ no nyinaa. 17 Ɔwɔ no bo fuw ɔbea no, enti ɔkɔ de ntɔkwaw kɔkaa ɔbea no asefo a wɔaka a ɛyɛ wɔn a wodi Onyankopɔn mmara so na wogye nokware a Yesu ada no adi no di no. 18 Na ɔwɔ no kogyinaa mpoano hɔ.