8
Nsɔwano A Ɛto So Ason
Bere a Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so ason no, ɔsoro nyinaa tɛm dinn bɛyɛ dɔnhwerew fa.
Afei mihuu abɔfo baason a wogyinagyina Onyankopɔn anim. Wɔmemaa wɔn ntorobɛnto ason.
Ɔbɔfo foforo a na ɔwɔ sikakɔkɔɔ aduhuam adaka begyinaa afɔremuka no ho. Wɔmaa no aduhuam bebree sɛ ɔmfa mmɔ mpae nka Onyankopɔn nkurɔfo no de ho, na ɔmmɔ sikakɔkɔɔ a esi ahengua no anim no so afɔre. Aduhuam no hua ne Onyankopɔn nkurɔfo mpae fi abɔfo no nsam kɔɔ ɔsoro. Afei ɔbɔfo no faa aduhuam adaka no de ogya a efi afɔremuka no so hyɛɛ no ma, tow kyenee asase so. Na aprannaa ne nne ahorow ne anyinam ne asasewosow bae.
Na abɔfo baason a wokurakura ntorobɛnto ason no siesiee wɔn ho sɛ wɔrebɛhyɛn.
Ɔbɔfo a odi kan no hyɛn ne torobɛnto. Na mparuwbo ne ogya a ɛne mogya adi afra tɔ guu asase so. Asase nkyɛmu abiɛsa mu baako hyewee. Nnua nkyɛmu abiɛsa mu baako hyewee, na wura amono nyinaa nso hyewee.
Afei ɔbɔfo a ɔto so abien no hyɛn ne torobɛnto. Wɔtow biribi a ɛte sɛ bepɔw kɛse a ɛredɛw kyenee po mu. Po no nkyɛmu abiɛsa mu baako dan mogya. Na abɔde a ɛwɔ nkwa a ɛwɔ po no mu nkyɛmu abiɛsa mu baako wuwui, na ahyɛn mu nkyɛmu abiɛsa mu baako bobɔe.
10 Afei ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa hyɛn ne torobɛnto. Nsoromma kɛse bi a ɛredɛw sɛ ogyatɛn tew fii ɔsoro bɛhwee nsu nkyɛmu abiɛsa mu baako mu. 11 Nsoromma no din de “Anwɔnwen.” Nsu no nkyɛmu abiɛsa mu baako yɛɛ nwen, na nnipa a wɔnomee no mu bebree wuwui, efisɛ na ayɛ nwen.
12 Afei ɔbɔfo a ɔto so anan no hyɛn ne torobɛnto. Na wɔbɔɔ owia nkyɛmu abiɛsa mu baako, ne ɔsram nkyɛmu abiɛsa mu baako ne nsoromma nkyɛmu abiɛsa mu baako sen ma no duruu sum, enti adekyee mu nkyɛmu abiɛsa mu baako anhyerɛn, na anadwo nso saa ara.
13 Na merehwɛ no, metee sɛ ɔkɔre bi a watu nam wim teɛ mu se, “Wɔn a wɔte asase so no nnue; wonnue, wonnue esiane torobɛnto a aka a abɔfo baasa no rebɛhyɛn no nti.”