17
Oguamanfo Bi
Abɔfo baason no mu ɔbaako a okura nkuruwa ason no baa me nkyɛn bɛkae se, “Bra na menkyerɛ wo ɔkwan a wɔbɛfa so atwe oguamanfo kɛse a ɔte nsu pii so no aso. Wiase ahene ne no bɔɔ aguaman, na asase so nnipa bobow wɔ nʼaguaman nsa no mu.”
Honhom no faa me ma ɔbɔfo no de me kɔɔ sare so. Ɛhɔ na mihuu sɛ ɔbea bi te aboa kɔkɔɔ bi a wɔakyerɛw din a ɛyɛ abususɛm agu ne ho nyinaa. Na aboa no wɔ ti ason, ne mmɛn du. Na ɔbea no hyɛ atadetam kɔkɔɔ a ɔde sika mpɔw a ɛhyerɛn ne nhene a ne bo yɛ den ahyehyɛ ne ho. Na okura sika kuruwa a afide ne aguamammɔ ho nneɛma ayɛ no ma tɔ. Na wɔakyerɛw din bi wɔ ne moma so a ne nkyerɛase no wɔ ahintasɛm mu se,
“Babilonia Kokuroko,
Asase So Nguamanfo
Ne Akyiwade Na.”
Na mihuu sɛ Onyankopɔn nkurɔfo ne Yesu akyidifo a wokum wɔn no mogya abow no.
Mihuu no no, ɛyɛɛ me nwonwa. Ɔbɔfo no bisaa me se, “Adɛn nti na ɛyɛ wo nwonwa? Mɛkyerɛ wo ahintasɛm nkyerɛase a ɛwɔ ɔbea no ne aboa no a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du a ɔte ne so no. Aboa a wuhuu no no na ɔte ase, nanso ɔnte ase bio. Ɔrebefi bun no mu aba ama wɔasɛe no. Sɛ nnipa a wɔte asase so a wɔankyerɛw wɔn din angu ateasefo nhoma no mu ansa na wɔrebɔ wiase no hu aboa no a, ɛbɛyɛ wɔn nwonwa. Na ɔte ase bere bi, nanso mprempren de, ɔnte ase na ɔbɛsan aba.
“Nyansa ne ntease ho hia wɔ ha. Eti ason no gyina hɔ ma mmepɔw ason, mmepɔw a ɔbea no tena so. Wɔyɛ ahene baason nso 10 a wɔn mu baanum awuwu, na ɔbaako da so di hene na ɔbaako a ɔka ho no mmae. Na sɛ ɔba a obedi hene kakra. 11 Aboa no a anka na ɔte ase na afei de, ɔnte ase no yɛ ɔhene a ɔto so awotwe a ɔka baason a wodi kan no ho a ɔrekɔ ne sɛe mu.
12 “Mmɛn du a wuhui no yɛ ahene du a womfii wɔn ahenni ase a wɔbɛma wɔn tumi na wɔne aboa no adi hene dɔnhwerew no. 13 Wɔn nyinaa wɔ botae baako, na wɔde wɔn ahoɔden ne wɔn tumi bɛma aboa no. 14 Wɔbɛko atia Oguamma no, na ɔno ne nʼakyidifo, agyidifo ne nokwafo a wɔafrɛ wɔn no bedi wɔn so, efisɛ ɔyɛ awuranom mu Awurade ne ahene mu Hene.”
15 Ɔbɔfo no nso ka kyerɛɛ me se, “Nsu a wuhuu sɛ oguamanfo no te so no yɛ nkurow ne nkurɔfo akuwakuw ne aman ne ɔkasa ahorow. 16 Mmɛn du ne aboa a wuhuu no no bekyi oguamanfo no. Wɔbɛfa biribiara a ɛwɔ ne ho ama wada adagyaw. Wɔbɛwe ne nam na wɔde ogya ahyew no. 17 Efisɛ Onyankopɔn de ahyɛ wɔn koma mu se wɔbɛpene so de wɔn tumi ama aboa no na wadi hene kosi sɛ Onyankopɔn asɛm no bɛba mu de ahyɛ ne botae no ma. 18 Ɔbea a wuhuu no no yɛ kurow kɛse a edi asase so ahene no so.”