16
Onyankopɔn Abufuw Ason No
Afei metee nne bi sɛ ɛrekasa fi asɔredan mu hɔ kyerɛ abɔfo no se, “Monkohwie Onyankopɔn abufuw ason a ɛwɔ nkuruwa ason no mu no ngu asase so.”
Ɔbɔfo a odi kan no kohwiee ne kuruwa mu abufuw no guu asase so. Akuru a ɛyɛ hu na ɛyɛ yaw tutuu wɔn a wɔde aboa no ahyɛ wɔn ho agyirae no ne wɔn a wɔsom ne sɛso honi no nso.
Ɔbɔfo a ɔto so abien no hwiee ne kuruwa mu abufuw guu po mu. Nsu no dan sɛ owufo mogya, na abɔde biara a nkwa wɔ mu wɔ po no mu no wui.
Ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa no hwiee ne kuruwa mu abufuw no guu nsubɔnten ne nsuwa mu maa ne nyinaa dan mogya. Metee sɛ ɔbɔfo a ɔhwɛ nsu so no reka se,
“Wʼatɛn a wubu no yɛ atɛntrenee.
Ɔkronkronni a wowɔ hɔ na wowɔ ha dedaw,
efisɛ wɔahwie mo ahotefo ne adiyifo mogya agu,
woama wɔn mogya sɛ wɔnnom, sɛnea ɛfata wɔn.”
Afei metee nne bi wɔ afɔremuka no so se,
“Yiw, Awurade, Otumfo Nyankopɔn,
atɛn a wubu nyinaa yɛ atɛntrenee!”
Ɔbɔfo a ɔto so anan no hwiee ne kuruwa mu abufuw no guu owia so na wɔmaa no tumi sɛ ɔnhye nnipa. Owia hyew no anoden maa nnipa domee Onyankopɔn a ɔwɔ saa ɔhaw yi nyinaa so tumi no din. Nanso wɔansakra wɔn adwene anhyɛ Onyankopɔn anuonyam.
10 Afei ɔbɔfo a ɔto so anum no hwiee ne kuruwa mu abufuw no guu aboa no ahengua no so. Sum duruu wɔ aboa no ahemman mu, na esiane ɔyaw nti, nnipa wee wɔn tɛkrɛma; 11 na esiane saa ɔyaw no ne akuru a etutuu wɔn no nti, wɔdomee ɔsoro Nyankopɔn. Nanso wɔantwe wɔn ho amfi wɔn bɔne ho.
12 Ɔbɔfo a ɔto so asia no hwiee ne kuruwa mu abufuw no guu Asubɔnten Eufrate mu. Asu no yow dan ɔkwan maa ahemfo a wofi apuei no. 13 Afei mihuu ahonhommɔne abiɛsa bi a na wɔte sɛ mpɔtorɔ a na wofifi ɔwɔ no ne aboa no ne atoro diyifo no anom. 14 Wɔyɛ ahonhommɔne a wɔyɛ anwonwade. Saa ahonhom abiɛsa yi kɔ ahene a wɔwɔ asase so nyinaa nkyɛn kɔka wɔn nyinaa boa ano ma Otumfo Nyankopɔn ɔko da kɛse no.
 
15  “Muntie! Mereba te sɛ ɔkorɔmfo. Nhyira ne nea ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntade so, sɛnea ɔrennantew adagyaw ngu ne ho anim ase wɔ bagua mu!”
 
16 Ahonhom no boaa ahene no ano wɔ baabi a Hebri kasa mu no wɔfrɛ hɔ Armagedon.
17 Afei ɔbɔfo a ɔto so ason no hwiee ne kuruwa no mu abufuw guu mframa mu. Nne dennen bi fi ahengua a ɛwɔ asɔredan no mu no so kae se, “Wɔawie.” 18 Na anyinam twitwa maa aprannaa paapaee, na asasewosow dennen bi bae. Efii sɛ wɔbɔɔ onipa no, asasewosow biara mmaa saa da. Eyi ne asasewosow nyinaa mu nea ano yɛ den pa ara. 19 Kurow kɛse no mu paee abiɛsa, na aman nyinaa nkurow akɛse sɛesɛee. Onyankopɔn kaee Babilonia Kokuroko no, na ɔmaa no nsa nomee; nsa a ɛyɛ nʼabufuw a ano yɛ den no fi ne kuruwa ano. 20 Asupɔw ne mmepɔw nyinaa yerae. 21 Mparuwbo akɛse a biara mu duru yɛ kilogram aduonum tɔ fii ɔsoro guu nnipa so. Na esiane mparuwbo no haw a na ɛyɛ hu no nti, nnipa domee Onyankopɔn.