15
Ɔyaredɔm
Mihuu ade foforo bi a ɛso na ɛyɛ nwonwa wɔ ɔsoro. Na wɔyɛ abɔfo baason a wokura ɔhaw ason a ɛno ne ɔhaw a etwa to, efisɛ ɛno na ɛkyerɛ Onyankopɔn abufuw a etwa to no. Afei mihuu biribi te sɛ ahwehwɛ po a wɔde ogya afra redɛw. Afei mihuu wɔn a wɔadi aboa no ne ne sɛso honi ne nea wɔde agyirae asi ne din anan mu no so nkonim. Na wogyinagyina ahwehwɛ po no ho a wokurakura asanku a Onyankopɔn de ama wɔn no. Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose ne Oguamma no dwom se,
“Awurade, Otumfo Nyankopɔn,
wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa
Amansan hene,
wʼakwan teɛ na ɛyɛ nokware.
Hena na ɔrensuro wo, Awurade?
Hena na ɔrenka wo kɛseyɛ?
Wo nko na woyɛ kronkron.
Aman nyinaa bɛba
abɛsom wɔ wʼanim,
efisɛ obiara ahu wo nnwuma trenee no.”
Eyi akyi no, mihuu sɛ asɔredan a ɛwɔ ɔsoro hɔ Kronkron mu Kronkron no abue a adanse ntamadan si mu. Abɔfo baason a wɔmaa wɔn tumi sɛ wɔmfa ɔhaw ason mmra no pue fii asɔredan no mu a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa a wɔbobɔ sikakɔkɔɔ abɔso wɔ wɔn koko so. Afei ateasefo baanan no mu baako maa abɔfo baason no sikakɔkɔɔ nkuruwa ason a Onyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuw ahyɛ no ma. Wusiw a efi Onyankopɔn anuonyam ne ne tumi mu no hyɛɛ asɔredan no ma. Na obiara antumi ankɔ asɔredan no mu kosii sɛ ɔhaw ason a abɔfo baason no de bae no to twae.