18
Babilonia Asehwe
Eyi akyi no, mihuu ɔbɔfo foforo sɛ ofi ɔsoro reba fam. Na ɔwɔ tumi kɛse na nʼanuonyam hyerɛn wɔ asase so nyinaa. Ɔteɛɛ mu denneennen se,
“ ‘Wahwe ase! Babilonia Kokuroko ahwe ase!’
Adan ahonhommɔne tenabea
ne ahonhom fi nyinaa ahintawee.
Nnomaafi a wokyi wɔn nyinaa te ne mu.
Ɔde ne nsa a ɛyɛ nʼaguamammɔ a
ano yɛ den no maa nnipa nyinaa nomee.
Asase so ahene ne no bɔɔ aguaman,
na asase so adwumayɛfo nam nʼahonya mmoroso so nyaa wɔn ho.”
Afei metee sɛ nne foforo bi a efi ɔsoro reka se,
“Mumfi, me nkurɔfo,
na moamfa mo ho amfra bɔne a ɔyɛ no mu,
na mo ne no ankyɛ nʼasotwe!
Efisɛ wɔahyehyɛ ne bɔne sɛ soro tenten,
na Onyankopɔn akae nʼawudi no.
Sɛnea ɔyɛɛ mo no, monyɛ no saa pɛpɛɛpɛ;
nea ɔyɛɛ mo biara no, muntua ne so ka mprenu.
Nsa a ɔde maa mo no, monhyɛ no nea ano yɛ den mmɔho abien.
Momma nʼayayade ne nʼawerɛhow nnɔɔso
sɛ anuonyam ne ahonya a ɔpɛ maa ne ho no.
Efisɛ daa ɔka se,
‘Mete ha sɛ ɔhemmea;
menyɛ okunafo,
na me werɛ renhow da!’
Eyi nti, nʼamanehunu a ɛyɛ ɔyare,
awerɛhow ne ɔkɔm bɛba ne so da bi.
Na wɔde ogya ahyew no,
efisɛ Awurade Nyankopɔn a obu no atɛn no yɛ ɔkɛse.
“Sɛ asase so ahene a wɔne no bɔɔ aguaman, dii dɛ no hu hye a wɔrehyew no no wusiw a, wobesu atwa agyaadwo. 10 Nʼamanehunu no hu a ɛyɛ nti, wobegyina akyiri asu se,
“ ‘Due! Due, Ao, kuropɔn,
Ao Babilonia, kuropɔn a ɛwɔ tumi!
Wʼatemmu aba dɔnhwerew baako pɛ mu.’
11 “Aguadifo a wɔwɔ asase so nso su no, efisɛ obiara ntɔ wɔn nneɛma bio. 12 Obiara ntɔ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, aboɔden abo ne nhene pa, nwera pa ne ɔtamkɔkɔɔ ne sirikyi ne tamkɔkɔɔ, ne nnua a ɛyɛ huam nyinaa ne asonse adwinne nyinaa, adwinne a wɔde nnua a ne bo yɛ den ayɛ, asanka ne dade ne abohemaa, 13 ne pɛprɛ ne mmorɔngo, nnuhuam ne kurobow, huamfufu ne nsa ne ngo, asikresiam muhumuhu ne awi, nyɛmmoa ne nguan ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne nkoa ne nnipa akra.
14 “Aguadifo no bɛka se, ‘Nneɛma pa a wopere hwehwɛe no nyinaa ayera, na wʼahonya ne wʼanuonyam no kɔ, na wo nsa renka bio.’ 15 Aguadifo a wonyaa wɔn ho wɔ kurow no mu no begyina akyirikyiri efisɛ wosuro amane a ɔrehu no. Wobesu na wɔatwa agyaadwo, 16 na wɔaka se:
“ ‘Due! Due, Ao, kuropɔn a
ofura nwera pa ne tamkɔkɔɔ
na sika ne aboɔdenmmo a nhene pa bobɔ mu.
17 Dɔnhwerew pɛ, na saa ahonya dodow yi asɛe.’
“Hyɛn mu sahene ne hyɛn no mu nnipa, mu adwumayɛfo ne wɔn a wɔka ho a wonya wɔn anoduan fi hyɛn adwumayɛ mu no nyinaa gyinaa akyirikyiri. 18 Wosui wɔ bere a wohuu ogya a ɛrehyew no wusiw no, wɔteɛɛ mu kae se ‘Kuropɔn biara a ne kɛse te sɛɛ mmaa da.’ ” 19 Wɔbɛtow mfutuma agu wɔn atifi na wɔasu, atwa agyaadwo se,
“ ‘Due! Due, wo kuropɔn,
wo a wɔn a wɔwɔ ahyɛn wɔ wo mu no
nam wʼahonya so yɛɛ adefo.
Na dɔnhwerew baako pɛ mu, woahwere biribiara!’
 
20 “Momma mo ani nnye wɔ ne ho, mo ɔsorofo!
Momma mo ani nnye,
Onyankopɔn nnipa!
Momma mo ani nnye, asomafo ne adiyifo!
Efisɛ Onyankopɔn abu no atɛn.”
21 Afei, ɔbɔfo hoɔdenfo bi faa ɔbo a ne kɛse bɛyɛ sɛ awiyammo tow kyenee po mu kae se,
“Saa ahoɔden yi ara
na wɔde bɛtow Babilonia kuropɔn no akyene,
a wɔrenhu no bio.
22 Wɔrente sankubɔfo ne nnwontofo, atɛntɛbɛnhyɛnfo ne torobɛntohyɛnfo nka wɔ mu bio.
Wɔrenhu odwumfo biara wɔ wo mu bio.
Na wɔrente owiyamfo biara nka wɔ wo mu bio.
23 Kanea hann
renhyerɛn wɔ wo mu bio.
Wɔrente ayeforokunu ne ayeforo
nne wɔ wo mu bio.
Wʼaguadifo yɛ wiase mu nnipa atitiriw.
Na wɔde wo ntafowayi adaadaa aman nyinaa.
24 Ne mu na wohuu adiyifo ne ahotefo
ne wɔn a wokum wɔn wɔ asase so no nyinaa mogya.”