6
Nkwa Wɔ Kristo Mu
Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka? Yɛbɛkɔ so atena bɔne mu, sɛnea ɛbɛyɛ a adom bɛdɔɔso ana? Ɛnte saa koraa! Yɛawu ama bɔne, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so tena bɔne mu? Anaa munnim sɛ bere a wɔbɔɔ yɛn nyinaa asu hyɛɛ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu hyɛɛ ne wu mu? Bere a wɔbɔɔ yɛn asu no, yewui na wosiee yɛn ne Kristo. Sɛnea Agya Onyankopɔn nam nʼanuonyam so nyan Kristo fii awufo mu baa nkwa mu no, saa ara nso na mprempren yɛte ase wɔ nkwa foforo mu.
Na sɛ yɛne no ayɛ koro wɔ ne wu mu a, wɔbɛfa saa ɔkwan koro no ara so anyan yɛn aba nkwa mu, na yɛne no ayɛ baako. Yenim sɛ wɔbɔɔ yɛn nipadua dedaw no ne Kristo asennua mu. Wɔyɛɛ eyi sɛnea nipadua dedaw a ɛyɛ bɔne no renyɛ bɔne nkoa bio, efisɛ sɛ onipa wu a, na wɔayi no afi bɔne tumi ase.
Sɛ yɛne Kristo awu a, yɛwɔ gyidi sɛ yɛne no bɛtena. Efisɛ yenim sɛ wɔanyan Kristo afi owu mu, na ɔrenwu bio. Owu nni ne so tumi bio. 10 Ne wu a owui no yɛɛ owuprɛko maa bɔne, na nʼase a ɔte yi, ɔte ma Onyankopɔn.
11 Ɛno nti saa ɔkwan koro ara so na ɛsɛ sɛ mofa mo ho sɛ moawu ama bɔne, na motena ase ma Onyankopɔn wɔ Kristo Yesu mu. 12 Ɛnsɛ sɛ bɔne di mo nipadua a ewui no so na amma mo anyɛ bɔne. 13 Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ mugyaw mo honam akwaa biara ma bɔne sɛ nneɛma a wɔde di amumɔyɛsɛm. Na mmom momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ nnipa a wɔanyan mo afi owu mu aba nkwa mu. Momfa mo ho nyinaa mma no, na ɔmfa mo nyɛ trenee nnwuma. 14 Ɛnsɛ sɛ bɔne di mo so, efisɛ monhyɛ mmara ase, na mmom mohyɛ adom ase.
Trenee Nkoa
15 Dɛn bio? Esiane sɛ yɛnhyɛ mmara ase na yɛhyɛ adom ase no nti, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ bɔne ana? Dabi da. 16 Munnim sɛ, nea mutie no ara na ne nkoa ne mo anaa? Sɛ ɛyɛ bɔne a ɛde kɔ owu mu, anaasɛ osetie a ɛde kɔ trenee. 17 Nanso yɛda Onyankopɔn ase. Efisɛ bere bi a atwa mu a na moyɛ bɔne nkoa no, mode mo koma nyinaa tiee nkyerɛkyerɛ a wɔde maa mo no. 18 Wɔagye mo afi bɔne mu ama moabɛyɛ nkoa ama trenee.
19 Esiane mo nipasu nti, mede nkoasom ho mfonitwa reboa mo ama moate eyinom nyinaa ase. Sɛnea mmere bi mode mo ho nyinaa maa sɛ afide ne amumɔyɛsɛm nkoa no, afei de momfa nyɛ nkoa mma trenee nkɔ kronkronyɛ mu. 20 Bere a na moyɛ bɔne nkoa no, na treneeyɛ nni mo so tumi. 21 Moyɛɛ nneyɛe a afei de mo ani wu wɔ ho no, mfaso bɛn na munyae? Nea ekowiei ne owu. 22 Nanso mprempren wɔagye mo afi owu mu ama moabɛyɛ Onyankopɔn nkoa. Mfaso a munya wɔ mu no kɔ kronkronyɛ mu, na nea efi mu ba yɛ nkwa a enni awiei. 23 Na bɔne so akatua yɛ owu, nanso Onyankopɔn akyɛde yɛ nkwa a enni awiei, wɔ Kristo Yesu yɛn Awurade mu.