7
Wɔde Aware Yɛ Mfatoho
Me nuanom, munim sɛ esiane sɛ mo nyinaa nim mmara no nti, mote nea mepɛ sɛ meka no ase sɛ; mmere dodow a onipa te ase no, mmara di ne so ana? Te sɛ ɔbea warefo, mmere dodow a okunu no te ase no de, ɔhyɛ ne kunu mmara ase, na sɛ okunu no wu de a, na ɔnhyɛ ne kunu mmara ase bio. Ɛno nti sɛ ɔkɔ ɔbarima foforo ho wɔ bere a ne kunu te ase a, wɔfrɛ no ɔwaresɛefo; na sɛ ne kunu no wu a na ɔnhyɛ saa mmara no ase bio; ɛno nti sɛ ɔware ɔbarima foforo a, ɔnyɛ ɔwaresɛefo.
Afei me nuanom, mo nso, Kristo wu a owui nti moawu afi mmara no tumi ase. Ne saa nti, mone ɔno a wonyan no fii awufo mu abom sɛnea mobetumi asom Onyankopɔn. Bere a na yɛte ase ma yɛn ho no, yɛn bɔne su nam mmara no so kanyan yɛn wɔ yɛn mu ma yɛyɛɛ adwuma maa owu. Afei de, yɛnhyɛ mmara biara ase efisɛ yewu fii nea ɛkyekyeree yɛn sɛ nneduafo no ase. Afei de, yɛnhyɛ mmara biara a wɔakyerɛw no dedaw ase bio, na mmom yɛnam honhom foforo kwan so na ɛsom.
Yɛne Bɔne Di Aperepere
Enti asɛm bɛn na yɛnka? Mmara no yɛ bɔne ana? Dabi da! Mmom, ɛnam mmara so na mihuu sɛnea bɔne te. Sɛ ɛnyɛ mmara no na ɛkaa sɛ, “Mma wʼani mmere obi ade” a, anka minnim anibere. Bɔne nyaa kwan nam mmara nsɛm no so kekaa ne ho wɔ me mu, maa mʼani beree nneɛma ahorow bebree. Sɛ mmara no nni hɔ a, bɔne nso nni tumi. Ansa na mehu mmara no na mewɔ nkwa. Nanso mmaransɛm no bae no, metee bɔne ase, na miwui. 10 Mihuu sɛ mmaransɛm a anka ɛde nkwa bɛba no, de owu bae. 11 Bɔne nam mmaransɛm no so nyaa kwan daadaa me; ɛnam mmaransɛm no so maa bɔne kum me. 12 Nanso mmara no yɛ kronkron; na Mmaransɛm no nso yɛ kronkron, ɛteɛ na eye nso.
13 Ade a eye no bɛyɛɛ owu maa me ana? Dabi da! Nanso sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu bɔne sɛ bɔne no, ɛfaa nea eye so de owu brɛɛ me. Enti bɔne nam mmaransɛm so maa me huu sɛ bɔne yɛ ade a ɛyɛ hu.
14 Yenim sɛ mmara no yɛ honhom mu ade nanso meyɛ ɔhonam muni a wɔatɔn me sɛ akoa ama bɔne. 15 Mente nea meyɛ ase; efisɛ menyɛ nea ɛsɛ sɛ meyɛ na mmom, meyɛ nea mikyi. 16 Sɛ meyɛ nea mempɛ sɛ meyɛ a, na ɛkyerɛ sɛ mepene so sɛ mmara no ye. 17 Sɛnea ɛte no, ɛnyɛ mʼankasa na meyɛ eyi; na mmom bɔne a ɛte me mu no. 18 Minim sɛ ade pa biara nte me mu, me bɔne nipasu yi mu. Efisɛ mepɛ sɛ meyɛ nea eye nanso mintumi nyɛ. 19 Papa a mepɛ sɛ meyɛ no, menyɛ; mmom bɔne a mempɛ sɛ meyɛ no na meyɛ. 20 Sɛ meyɛ nea mempɛ sɛ meyɛ a, na ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ me na meyɛe, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no.
21 Mmara no ama mahu sɛ biribi te me mu a ɛmma mennyɛ nea minim sɛ eye. 22 Me koma nyinaa mu, migye Onyankopɔn mmara to mu. 23 Nanso mifi mʼakwaa nyinaa mu hu sɛ biribi ne mʼadwene di aperepere, ɛma meyɛ bɔne akoa, na ɛno na ɛhyɛ me ma meyɛ biribiara. 24 Minni ahotɔ! Hena na obegye me afi saa ɔhonam a ɛde me rekɔ owu mu yi mu? 25 Menam yɛn Awurade Yesu Kristo so meda Onyankopɔn ase.
Na afei mʼankasa mʼadwene mu no, meyɛ akoa ma Onyankopɔn mmara, nanso bɔne nipasu mu no, meyɛ akoa ma bɔne.