5
Asomdwoe Ne Anigye
Afei a ɛnam gyidi so ama Onyankopɔn abu yɛn bem no, yɛnam Awurade Yesu Kristo so anya Onyankopɔn asomdwoe. Ɔnam gyidi so de yɛn aba Onyankopɔn adom a yɛte mu mprempren no mu. Yɛn ani gye wɔ anidaso mu sɛ yebenya Onyankopɔn anim anuonyam. Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom, yɛwɔ yɛn haw mu anuonyam nso, efisɛ yenim sɛ ɔhaw de boasetɔ ba, na boasetɔ de osuahu ba, na osuahu nso de anidaso ba. Saa anidaso yi renni yɛn nhuammɔ, efisɛ Onyankopɔn nam Honhom Kronkron a ɛyɛ nʼakyɛde a ɔde ama yɛn no so ahwie ne dɔ agu yɛn koma mu.
Bere a ɛsɛ mu, bere a yɛyɛ mmerɛw no, Kristo wu maa amumɔyɛfo. Na ɛbɛyɛ den sɛ obi bewu ama nea ɔyɛ onipa trenee mpo, na nea ɔyɛ onipa pa no de, ebia obi besi ne bo awu ama no. Nanso Onyankopɔn da ne dɔ adi wɔ eyi mu sɛ, bere a yɛyɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.
Esiane sɛ wɔnam ne mogya no so abu yɛn bem no nti, wɔnam ne so begye yɛn afi Onyankopɔn abufuwhyew mu. 10 Na sɛ bere a yɛyɛ atamfo mpo Onyankopɔn de ne Ba no wu yɛɛ mpatade maa yɛn a, saa mmere yi a yɛne Onyankopɔn wɔ ayɔnkofa yi de, yenim sɛ ɔnam ne Ba no so begye yɛn nkwa. 11 Ɛnyɛ eyi nko, mmom yɛnam Awurade Yesu Kristo a ne mu na yɛanya mpata no so hoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn mu.
Adam Yɛ Owu Farebae, Kristo Yɛ Nkwa Farebae
12 Bɔne nam onipa baako so na ɛbaa wiase, na ne bɔne no de owu bae. Ɛno nti owu trɛw baa nnipa nyinaa so, efisɛ wɔn nyinaa yɛɛ bɔne.
13 Na bɔne wɔ hɔ ansa na wɔde mmara no reba. Nanso mmara nni hɔ a, wommu bɔne ho akontaa. 14 Nanso efi Adam bere so kosi Mose bere so no, owu dii nnipa nyinaa so kosii wɔn mpo a wɔanyɛ bɔne so, sɛnea Adam de, ɔyɛɛ asoɔden kyerɛɛ Onyankopɔn no. Ɔkwan bi so no, Adam yɛ Kristo, nea na ɔrebɛba no, sɛso.
15 Nanso wɔn baanu no nyinaa nyɛ pɛ, efisɛ Onyankopɔn akyɛde a ɔde kyɛ kwa no nte sɛ Adam bɔne no. Ɛyɛ nokware sɛ esiane saa onipa baako no bɔne nti, nnipa pii wuwui. Nanso Onyankopɔn adom no dɔɔso; ɛno nti na ɔnam onipa baako a ɔne Yesu Kristo adom so dom bebree kwa no. 16 Bio, Onyankopɔn akyɛde no nte sɛ nsunsuanso a efi onipa baako bɔne mu bae no. Atemmu no nam bɔne baako so de afobu bae, nanso bɔne bebree akyi no, akyɛde no de bembu bae. 17 Sɛ ɛnam onipa baako bɔne so na owu dii hene a, ɛno de wɔn a wonya adom mmoroso ne trenee akyɛde no nam onipa baako a ɔne Yesu Kristo so bedi hene wɔ nkwa mu.
18 Enti sɛnea onipa baako pɛ bɔne a ɔyɛe no ma wobuu nnipa nyinaa fɔ no, saa ara nso na trenee nneyɛe baako ma wobuu nnipa nyinaa bem, ma yenyaa nkwa. 19 Na sɛnea ɛnam ɔbaakofo asoɔden so nti nnipa nyinaa yɛɛ nnebɔneyɛfo no, saa ara nso na onipa baako setie nti wɔbɛyɛ bebree atreneefo.
20 Wɔyɛɛ mmara no, sɛnea ɛbɛyɛ a bɔne bɛda adi pefee; nanso mpɛn dodow a bɔne dɔɔso no, adom no dɔɔso mmoroso, 21 enti sɛnea bɔne di nnipa so de wɔn kɔ owu mu no, saa ara na adom no nam trenee so de daa nkwa a ɛwɔ Yesu Kristo, yɛn Awurade mu bɛba no.