7
Ɔbeawaresɛefo Ho Kɔkɔbɔ
Me ba, fa me nsɛm sie
na kora mʼahyɛde wɔ wo mu.
Di mʼahyɛde so na wubenya nkwa;
bɔ me nkyerɛkyerɛ ho ban sɛ nea wodɔ no.
Kyekyere bɔ wo nsateaa ho;
kyerɛw no yiye gu wo koma pon so.
Ka kyerɛ nyansa se, “Woyɛ me nuabea,”
na frɛ ntease wo busuani;
Wɔbɛtwe wo afi ɔbeawaresɛefo ho,
afi ɔbeawarefo huhuni nsɛmmɔdɛ ho.
 
Me fi mfɛnsere ano,
mede mʼani faa mfɛnsere mu.
Mihuu wɔ ntetekwaafo mu,
mehyɛɛ mmerante no mu baako nsow,
ɔbabun a onni adwene.
Na ɔnam borɔn a ɛbɛn ɔbea no fi so
a nʼani kyerɛ ɔbea no fi
bere a onwini redwo,
na anim rebiribiri no.
 
10 Afei ɔbea bi fi behyiaa no a
wasiesie ne ho sɛ oguamanfo a nnaadaa wɔ ne koma mu.
11 (Ɔyɛ hyirenn na hwee mfa ne ho,
ɔntena fie koraa;
12 nnɛ wohu no mmɔnten so, ɔkyena na ɔte aguabɔbea,
ɔtetɛw wɔ mmantwea mmantwea.)
13 Osoo ne mu few nʼano,
wamfɛre, na ɔkae se,
 
14 “Mewɔ asomdwoe afɔrebɔde wɔ fie;
nnɛ madi me bɔhyɛ so.
15 Enti mebae sɛ merebehyia wo;
mehwehwɛɛ wo na mahu wo!
16 Mato me mpa,
mede nwera a wɔahyɛ no aduru a efi Misraim.
17 Mede nnuhuam apete me mpa so:
kurobow, pɛprɛ ne dupapo.
18 Bra, ma yɛmfa ɔdɔ mmɔ ɔdɔ mu nkosi anɔpa;
19 Me kunu nni fie;
watu kwan na ɔbɛkyɛ.
20 Ɔde sika a ɛdɔɔso hyɛɛ ne sika kotoku ma
na ɔremma kosi ɔsram no kurokumatwa bere mu.”
 
21 Ɔde tɛkrɛmakyene bɔɔ no adafa;
ɔde nnaadaa nyaa no ne no dae.
22 Odii nʼakyi prɛko pɛ
te sɛ nantwi a ɔrekɔ akumii,
anaa ɔwansan a ɔde ne ti rekɔhyɛ hankare fi mu
23 kosi sɛ bɛmma bɛwɔ ne brɛbo mu,
te sɛ anomaa a ɔrekɔtɔ anomaa afiri mu
na onnim sɛ ɔbɛhwere ne nkwa.
 
24 Na afei, me mma, muntie me;
monyɛ aso mma nea meka.
25 Mommma mo koma mpatiri nkɔ no so
na momman mmfa nʼakwan so.
26 Bebree na wɔnam no so ahwehwe ase;
wɔn a wakum wɔn dɔɔso pa ara.
27 Ne fi yɛ ɔda tempɔn a
ɛkɔ owu pia mu.