6
Agyimisɛm Ho Kɔkɔbɔ
Me ba, sɛ woadi akagyinamu ama ɔyɔnko bi,
sɛ wode wo biribi asi awowa ama obi,
sɛ nea wokae ayi ka ama wo
na sɛ wʼano asɛm afiri ayi wo a,
ɛno de yɛ eyi, me ba, na fa tetew wo ho,
sɛ ɔyɔnko nsa aka wo no nti:
fa ahobrɛase kɔ nʼanim;
na kɔ so pa wo yɔnko no kyɛw!
Mma wʼani nkum
na ntɔ nko.
Gye wo ho, sɛnea ɔforote guan fi ɔbɔmmɔfo nsam
anaa sɛnea anomaa guan fi ofirisumfo afiri mu no.
 
Ɔkwadwofo, kɔ ɔtɛtea nkyɛn;
hwɛ nʼakwan, na hu nyansa!
Onni ɔsahene,
onni ɔhwɛfo anaa sodifo bi,
nanso ɔde aduan sie wɔ ahuhurubere mu,
ɔboaboa nnuan ano wɔ twabere.
 
Wo, ɔkwadwofo, wobɛda akosi da bɛn?
Wubenyan bere bɛn?
10 Nna kakra, nkotɔ kakra,
nsa a woabobɔw de rehome kakra,
11 ɛbɛma ohia aba wo so sɛ ɔkwanmukafo
na ahokyere atow akyere wo sɛnea okura otuo.
 
12 Onipa teta ne ohuhuni a
odi atoro kyin,
13 nea obu nʼani,
na ɔde ne nan yɛ nsɛnkyerɛnne
na ɔde ne nsateaa kyerɛkyerɛ ade,
14 nea ɔde ne koma mu nnaadaa bɔ pɔw bɔne,
na ɔde mpaapaemu ba bere biara.
15 Ɛno nti amanehunu bɛba no so prɛko pɛ;
wɔbɛsɛe no mpofirim, a wɔrenya ano aduru.
 
16 Nneɛma asia na Awurade mpɛ,
nneɛma ason na ɛyɛ nʼakyiwade:
17 ani a ɛtra ntɔn,
atoro tɛkrɛma,
nsa a ɛka mogya a edi bem gu,
18 koma a edwen amumɔyɛ ho,
anan a etutu mmirika kɔyɛ bɔne,
19 ɔdansekurumni a odi atoro
ne onipa a ɔde mpaapaemu ba anuanom mu.
Aguamammɔ Ho Kɔkɔbɔ
20 Me ba, tie wʼagya ahyɛde
na nnyaa wo na nkyerɛkyerɛ mu.
21 Fa kyekyere wo koma ho daa;
na fa kyekyere wɔ kɔn mu.
22 Wonantew a, ɛbɛkyerɛ wo kwan;
sɛ woda a, ɛbɛwɛn wo;
sɛ wunyan a, ɛbɛkasa akyerɛ wo.
23 Na saa ahyɛde yi yɛ kanea
saa nkyerɛkyerɛ yi yɛ hann,
na ahohyɛso nteɛso yi
yɛ nkwa kwan,
24 ɛtwe wo fi ɔbea a onni suban pa no ho,
fi ɔbeawarefo huhuni tɛkrɛmadɛ ho.
 
25 Mma wo kɔn nnɔ nʼahoɔfɛ,
mma nʼani akyideda no ntwetwe wo,
 
26 efisɛ oguamanfo ma wʼanuonyam yɛ sɛ brodosin,
na obi yere gyigye wo kɔ owu mu.
27 Obi betumi asɔ gya agu ne srɛ so a
nhyew nʼatade ana?
28 Obi betumi anantew nnyansramma so a
mpumpunnya mmobɔ nʼanan ho ana?
29 Saa na ɔbarima a ɔne ɔbarima foforo yere da no te;
obiara a ɔde ne nsa bɛka no no, remfa ne ho nni da.
 
30 Nnipa mmu ɔkorɔmfo a wakowia ade animtiaa
sɛ ɔkɔm de no na ɔde rekodwudwo ano nti.
31 Mmom, sɛ wɔkyere no a, ɛsɛ sɛ otua mmɔho ason;
sɛ ɛbɛma wahwere ne fi agyapade nyinaa mpo a.
32 Ɔbarima a ɔsɛe aware no nni adwene;
obiara a ɔyɛ saa no sɛe ne ho.
33 Ɔhwe ne animguase na obenya,
na nʼahohora rempepa da.
 
34 Ninkutwe hwanyan okunu abufuw
na sɛ ɔtɔ were a, ahummɔbɔ biara nni mu.
35 Ɔrennye mpata biara;
na ɔbɛpo adanmude, sɛ ɛso sɛ dɛn mpo a.