5
Aguamammɔ Ho Kɔkɔbɔ
Me ba, yɛ aso ma me nyansa;
tie me nhumu nsɛm no yiye,
sɛnea ɛbɛma woahwɛ yiye,
na wʼano akora nimdeɛ.
Efisɛ ɔbea aguaman ano sosɔ ɛwo,
na ne kasa yɛ fɔmm sen ngo;
nanso awiei no, ɛyɛ nwen sen bɔnwoma,
ɛyɛ nam sɛ afoa anofanu.
Nʼanan kɔ owu mu;
nʼanammɔntutu kɔ ɔda mu tee.
Onsusuw ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu ho;
nʼakwan yɛ kɔntɔnkye, nanso onnim.
 
Enti afei, me mma, muntie me;
Monntwe mo ho mmfi nea meka ho.
Ɔkwan a ɛmmɛn no no na momfa so;
mommmɛn ne fi pon ano,
anyɛ saa a, mode mo ahoɔden bɛma afoforo
na mode mo mfe ama otirimɔdenfo,
10 anyɛ saa a, ahɔho bɛfom mo ahonyade
na mo brɛ de ahonya akɔ afoforo fi.
11 Mo nkwanna akyi, mubesi apini,
bere a mo honam ne mo nipadua asa no.
12 Na moaka se, “Na mikyi ahohyɛso!
Me koma ampɛ nteɛso!
13 Manyɛ osetie amma mʼakyerɛkyerɛfo
na mantie me kwankyerɛfo asɛm.
14 Madu ɔsɛe ano
wɔ asafo no nyinaa mu.”
 
15 Nom nsu fi wʼankasa ahina mu,
nsu a ɛteɛ fi wʼankasa abura mu.
16 So ɛsɛ sɛ wʼasuti yiri fa mmɔnten so
na wo nsuwa kokɔ ɔman aguabɔbea ana?
17 Ma ɛnyɛ wo nko ara de,
a wo ne ahɔho nkyɛ da.
18 Nhyira nka wʼasubura
na wʼani nnye wo mmrantebere mu yere ho.
19 Ɔte sɛ ɔtwe bere dɔfo, ɔwansan nuonyamfo;
ma ne nufu nsɔ wʼani daa
na ne dɔ nkyekyere wo.
20 Me ba, adɛn nti na woma ɔbea aguaman kyekyere wo?
Adɛn nti na woda ɔbarima foforo bi yere kokom?
 
21  Awurade hu onipa akwan nyinaa,
na ɔhwehwɛ ne nyinaa mu.
22 Omumɔyɛfo nnebɔne sum no afiri;
na ne bɔne ahama kyekyere no papee.
23 Wobewu, esiane ahohyɛso a wonni nti,
na wɔayera, esiane wɔn agyennyentwisɛm nti.