4
Pere Hwehwɛ Nyansa
Me mma, muntie me, muntie agya nkyerɛkyerɛ;
monyɛ aso na moanya ntease.
Mema mo adesua a ɛkɔ anim,
enti munnnyaa me nkyerɛkyerɛ mu.
Efisɛ na me nso, meyɛ mʼagya babarima,
meda so yɛ akokoaa no, na me na ani gye me ho.
Na ɔkyerɛkyerɛɛ me se,
“Ma me nsɛm nni wo koma mu dɛm,
di me nkyerɛkyerɛ so na wubenya nkwa.
Nya nyansa, nya ntease;
mma wo werɛ mfi me nsɛm anaa ntwe wo ho mfi ho.
Nnyaw nyansa hɔ, na ɛbɛbɔ wo ho ban;
dɔ no, na ɛbɛhwɛ wo so.
Nyansa boro biribiara so; enti hwehwɛ nyansa.
Ɛwɔ mu sɛ ne bo te sɛ wʼahode nyinaa de, nanso nya ntease.
Di no ni na ɛbɛma wo so;
yɛ no atuu, na ɛbɛhyɛ wo anuonyam.
Ɔde nkonimdi nhwiren hankare begu wo ti so
na wama wo ahenkyɛw a ɛyɛ fɛ.”
10 Me ba, tie na fa nea meka no,
na wo nkwanna bɛyɛ bebree.
11 Mɛkyerɛ wo nyansa kwan so
na mede wo afa akwan a ɛteɛ so.
12 Sɛ wonantew a, wʼanammɔntu bɛkɔ waa
na sɛ wutu mmirika a, worenhintiw.
13 Di nkyerɛkyerɛ so; na nnyaa mu,
bɔ ho ban yiye, efisɛ ɛyɛ wo nkwa.
14 Ntu wo nan nsi amumɔyɛfo kwan so
na nnantew abɔnefo kwan so.
15 Kwati no, ntu kwan mfa so;
dan fi so na kɔ wo kwan.
16 Efisɛ wɔnyɛɛ bɔne a wontumi nna;
na wɔn nna tew yera kosi sɛ wɔbɛma obi ahwe ase.
17 Wodi amumɔyɛsɛm brodo,
na wɔnom kitikitiyɛ nsa.
 
18 Atreneefo kwan te sɛ adekyee hann a edi kan,
ɛkɔ so hyerɛn yiye kodu awia ketee.
19 Nanso amumɔyɛfo kwan te sɛ sum kabii;
wonnim nea ɛma wohintiw.
 
20 Me ba, yɛ aso ma nea meka;
tie me nsɛm no yiye.
21 Mma emfi wʼani so,
fa sie wo koma mu;
22 efisɛ, ɛyɛ nkwa ma wɔn a wohu
ne akwahosan ma nipadua no nyinaa.
23 Ne nyinaa akyi, bɔ wo koma ho ban,
efisɛ, ɛno ne wo nkwa asuti.
24 Mma oburu kasa mfi wʼano;
mma nkontomposɛm mmɛn wʼano koraa.
25 Hwɛ wʼanim tee,
na ma wʼani nkɔ nea ɛwɔ wʼanim no so.
26 Bɔ ɔkwan tamaa ma wʼanan
na fa akwan a atim so.
27 Mman mfa nifa anaa benkum;
twe wo nan fi bɔne ho.