3
Nyansa De Yiyedi Ba
Me ba, mma wo werɛ mfi me nkyerɛkyerɛ,
kora me mmara wɔ wo koma mu,
na ɛbɛma wo nkwa aware, mfe bebree
na ɛde yiyedi abrɛ wo.
 
Mma adɔe ne nokware mmfi wo nkyɛn
fa yan wo kɔn mu
kyerɛw gu wo koma pon so.
Na wubenya adom ne din pa
wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim.
 
Fa wo koma nyinaa to Awurade so,
na mfa wo ho nto wʼankasa ntease so;
hu no wʼakwan nyinaa mu,
na ɔbɛteɛ wʼakwan.
 
Nnye wo ho nni sɛ woyɛ onyansafo;
suro Awurade na kyi bɔne.
Ɛde ahoɔden bɛbrɛ wo nipadua,
na ayɛ aduan ama wo nnompe.
 
Fa wʼahonya hyɛ Awurade anuonyam,
ne wo nnɔbae a edi kan nyinaa;
10 na ɛno na ɛbɛma wo pata ayɛ ma abu so,
na nsa foforo abu afa wʼahina so.
11 Me ba, sɛ Awurade teɛ wo so a, tie no yiye,
na mmu nʼanimka so,
12 Efisɛ, obiara a Awurade pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso,
sɛnea agya teɛ ɔba a ɔdɔ no no.
 
13 Nhyira nka onipa a ohu nyansa,
onipa a onya ntease,
14 efisɛ, nimdeɛ so mfaso sen dwetɛ,
na nea efi mu ba sen sikakɔkɔɔ.
15 Ne bo yɛ den sen bota;
na worentumi mfa wʼapɛde biara ntoto no ho.
16 Nkwa tenten wɔ ne nsa nifa mu;
ahonyade ne anuonyam wɔ ne nsa benkum mu.
17 Nʼakwan yɛ ahomeka,
na nʼanammɔnkwan nyinaa yɛ asomdwoe.
18 Ɔyɛ nkwadua ma wɔn a woso ne mu;
wɔn a wokura no mu no benya nhyira.
 
19 Nyansa mu na Awurade yɛɛ asase fapem,
na ntease mu na ɔde ɔsoro tim hɔ.
20 Efi ne nimdeɛ mu na ɔkyekyɛɛ ebun mu,
na omununkum nso tɔɔ obosu.
 
21 Me ba, fa atemmu pa ne nhumu sie,
na mma emfi wʼani so;
22 ɛbɛyɛ nkwa ama wo,
nnwinne a ɛma wo kɔn anuonyam wie pɛyɛ.
23 Afei wo kwan so bɛyɛ wo dwoodwoo,
na wo nan renhintiw;
24 sɛ woda a worensuro;
sɛ woda a wʼani bekum.
25 Nsuro mpofirim amanehunu
anaa ɔsɛe a ɛba amumɔyɛfo so,
26 efisɛ Awurade bɛwɔ wʼafa
na ɔbɛkora wo nan afi afiri mu.
 
27 Mfa ade pa nkame wɔn a wɔfata,
bere a tumi wɔ wo nsam.
28 Nka nkyerɛ wo yɔnko se:
“Kɔ na bra; mede bɛma wo ɔkyena”
wɔ bere a wowɔ no saa bere no.
29 Mpam ɔhaw mma wo yɔnko
bere a ɔne wo te yiye.
30 Mmɔ obi sobo kwa
bere a ɔnyɛɛ wo bɔne biara ɛ.
 
31 Mma wʼani mmere basabasayɛfo,
na mfa nʼakwan no mu biara,
32 efisɛ Awurade kyi basabasayɛfo
na ɔde ne werɛ hyɛ ɔtreneeni mu.
 
33  Awurade nnome wɔ omumɔyɛfo fi so,
na ohyira ɔtreneeni fi.
34 Odi fɛwdifo a wɔyɛ ahantan no ho fɛw,
na ɔdom ahobrɛasefo ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so no.
35 Anyansafo benya anuonyam adi,
nanso nkwaseafo de, ɔma wɔn anim gu ase.