2
Nyansa So Mfaso Wɔ Abrabɔ Mu
Me ba, sɛ wutie me nsɛm,
na woma me mmaransɛm tena wo mu a,
sɛ wowɛn wʼaso ma nyansa
na wode wo koma ma ntease,
na woma wo nne so frɛ nhumu
na wusu frɛ ntease,
na sɛ wohwehwɛ no te sɛnea wohwehwɛ dwetɛ
na wohwehwɛ no sɛnea worepɛ ademude a ahintaw a,
ɛno na wobɛte Awurade suro ase
na woahu Onyankopɔn ho nimdeɛ.
Awurade ma nimdeɛ,
na nʼanom na nyansa ne ntease fi ba.
Ɔkora nkonimdi ma wɔn a wɔteɛ,
ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ,
ɔwɛn nea ɔyɛ pɛ kwan,
na ɔbɔ wɔn a wodi no nokware no akwan ho ban.
 
Ɛno na wobɛte nea eye ne nea ɛyɛ pɛ,
ne nea ɛfata, ɔkwan biara a eye ase.
10 Afei nyansa bewura wo koma mu,
na nimdeɛ ayɛ ahomeka ama wo kra.
11 Adwene bɛbɔ wo ho ban
na ntease ahwɛ wo so.
 
12 Nyansa beyi wo afi amumɔyɛfo akwan mu,
ebeyi wo afi nnipa a wɔn nsɛm yɛ basabasa nsam,
13 wɔn a wɔaman afi akwan pa so
akɔnantew sum akwan so no,
14 wɔn a wɔn ani gye bɔneyɛ ho,
na wodi ahurusi wɔ bɔne mu basabasayɛ ho,
15 wɔn a wɔn akwan yɛ kɔntɔnkye
na wɔyɛ abonsam wɔ wɔn akwan mu.
 
16 Nimdeɛ begye wo afi ɔbea waresɛefo no nsam,
afi ɔbea warefo huhuni a ɔka nnaadaasɛm ho,
17 nea wagyaa ne mmabaabere mu kunu
na wapo apam a ɔyɛɛ wɔ Onyankopɔn anim no.
18 Ne fi yɛ ɔkwan a ɛkɔ owu mu
na nʼakwan kɔ awufo honhom nkyɛn.
19 Obiara a ɔkɔ ne nkyɛn no nsan mma
anaasɛ ɔrensi nkwa akwan so.
 
20 Enti wubedi nnipa pa anammɔn akyi
na woanantew atreneefo akwan so.
21 Efisɛ wɔn a wɔteɛ bɛtena asase no so,
na wɔn a asɛm nni wɔn ho no na wɔbɛka hɔ;
22 na wobetwa amumɔyɛfo afi asase no so,
na wɔatɔre atorofo ase.