8
Nyansa Frɛ
Tie: Nyansa refrɛ.
Ntease ma ne nne so.
Ɔkwan no so, sorɔnsorɔmmea hɔ,
nkwantanan no so, ɛhɔ na egyina,
apon a ɛkɔ kuropɔn no mu no ho,
ɛteɛ mu wɔ abobow ano hɔ se,
“Ao, mo nnipa na meteɛ mu refrɛ;
meteɛ mu frɛ adesamma nyinaa.
Mo a moyɛ ntetekwaa, momma mo ani ntew;
mo a moyɛ nkwaseafo, munnya ntease.
Muntie, na mewɔ nsɛm pa bi ka kyerɛ mo;
mibue mʼano ka nea eye.
Mʼano ka nea ɛyɛ nokware,
efisɛ mʼanofafa kyi amumɔyɛsɛm.
Mʼanom nsɛm nyinaa yɛ pɛ;
biara nni mu a ɛyɛ nkontompo anaa nnaadaasɛm.
Ne nyinaa mu da hɔ ma nea ɔwɔ nhumu;
ɛho nni asɛm ma wɔn a wɔwɔ nimdeɛ.
10 Mompo dwetɛ na momfa mʼakwankyerɛ,
momfa nimdeɛ na mompo sikakɔkɔɔ ankasa.
11 Efisɛ nimdeɛ som bo sen bota,
na worentumi mfa nea wopɛ biara ntoto no ho.
 
12 “Me, nyansa, mene anitew na ɛte;
nimdeɛ ne nhumu wɔ me.
13 Sɛ wosuro Awurade ɛne sɛ wokyi bɔne;
mikyi ahantan ne ahomaso,
ɔbra bɔne ne nnaadaasɛm.
14 Afotu ne atemmu pa wɔ me;
mewɔ ntease ne tumi.
15 Me so na ahemfo nam di ade
na sodifo nam me so hyehyɛ mmara a ɛyɛ pɛ;
16 Mmapɔmma de me bu ɔman
ne atitiriw nyinaa a wodi asase so hene.
17 Medɔ wɔn a wɔdɔ me,
na wɔn a wɔhwehwɛ me no hu me.
18 Ahonyade ne anuonyam wɔ me nkyɛn,
ahode a ɛkyɛ ne yiyedi nso saa ara.
19 Mʼaba ye sen sikakɔkɔɔ ankasa;
nea efi me mu boro dwetɛ a wɔasɔn so so.
20 Trenee akwan so na menam,
atɛntrenee akwan so,
21 mede ahode ma wɔn a wɔdɔ me
na mehyɛ wɔn adekoradan amaama.
 
22 Awurade bɔɔ me sɛ nʼabɔde mu abakan
dii ne tete nneyɛe anim;
23 oyii me sii hɔ fi tete,
ansa na wiase refi ase.
24 Wɔwoo me ansa na wɔrebɔ po kakraka no,
ansa na wɔreyɛ nsuti a nsu ahyɛ no ma no,
25 ansa na wɔde mmepɔw resisi hɔ;
wɔwoo me ansa na nkoko reba,
26 ansa na ɔbɔɔ asase ne ne mfuw
anaa dɔte biara a ɛwɔ asase so.
27 Mewɔ hɔ ansa na wɔbɔɔ ɔsoro,
bere a otwaa ɔhye too ebun no ani no,
28 bere a ɔbɔɔ omununkum wɔ soro
na ɔde ebun mu nsuti tintim hɔ dennen no;
29 bere a otwaa ɔhye maa po
sɛnea nsu no rentra ne hye,
ne bere a otwaa asase fapem no,
30 na meyɛ odwumfo a mete ne nkyɛn.
Anigye hyɛɛ me ma daa
na midii ahurusi wɔ nʼanim bere biara,
31 na mʼani gye wɔ ne wiase nyinaa mu
na mʼani ka wɔ adesamma mu.
 
32 “Enti me mma, muntie me;
nhyira ne wɔn a wɔnantew mʼakwan so.
33 Muntie mʼakwankyerɛ na munhu nyansa;
mummmu mo ani ngu so.
34 Nhyira ne onipa a otie me,
ɔwɛn mʼabobow ano daa,
na ɔtwɛn wɔ hɔ.
35 Na obiara a ohu me no nya nkwa,
na onya anisɔ fi Awurade nkyɛn.
36 Na nea wanhwehwɛ me no haw ne ho
na wɔn a wɔtan me no dɔ owu.”