29
Obi a ɔkɔ so yɛ tufoante wɔ animka pii akyi no
wɔbɛsɛe no mpofirim a wɔrennya ano aduru.
 
Sɛ atreneefo di yiye a, nnipa no di ahurusi;
sɛ amumɔyɛfo di nnipa so a, wusi apini.
 
Onipa a ɔdɔ nyansa no ma nʼagya anigye,
nanso nguamanfo yɔnko sɛe nʼahonya.
 
Ɔhene nam atɛntrenee so ma ɔman no asomdwoe,
nanso nea ɔde adifudepɛ gye adanmude no bɔ ɔman no.
 
Obiara a ɔdaadaa ne yɔnko no
sum ne nan afiri.
 
Ɔdebɔneyɛni bɔne sum no afiri,
nanso ɔtreneeni betumi ato dwom ama nʼani agye.
 
Ahiafo atɛntreneebu ho hia atreneefo,
nanso amumɔyɛfo nni saa ɔtema no.
 
Fɛwdifo de basabasayɛ ba kuropɔn mu,
nanso anyansafo sianka abufuw.
 
Sɛ onyansafo de ɔkwasea kɔ asennii a,
ɔkwasea no bobɔ mu kasa di fɛw, na asomdwoe mma.
 
10 Mogyapɛfo kyi ɔnokwafo,
na wɔhwehwɛ sɛ wobekum nea ɔteɛ.
 
11 Ɔkwasea da abufuw nyinaa adi,
nanso onyansafo hyɛ ne ho so.
 
12 Sɛ ɔsodifo tie nkontomposɛm a,
nʼadwumayɛfo nyinaa bɛyɛ amumɔyɛfo.
 
13 Ohiani ne ɔsohyɛfo nyinaa wɔ saa ade baako yi:
Awurade ma wɔn baanu nyinaa ani a wɔde hu ade.
 
14 Sɛ ɔhene di ahiafo asɛm yiye a,
nʼahengua betim hɔ daa.
 
15 Nteɛso abaa ma nyansa,
na abofra a wɔde ne pɛ ma no no, gu ne na anim ase.
 
16 Sɛ amumɔyɛfo di yiye a, bɔne nso kɔ so,
na atreneefo behu wɔn asehwe.
 
17 Teɛ wo ba, na ɔbɛma wo asomdwoe;
ɔbɛma wo kra ani agye.
 
18 Sɛ anisoadehu nni hɔ a nnipa no yɛ basaa;
na nhyira nka nea odi mmara so.
 
19 Wɔmfa anom nsɛm kɛkɛ nteɛ ɔsomfo;
ɔte ase de, nanso ɔremfa.
 
20 Wuhu obi a ɔpɛ ntɛm kasa ana?
Ɔkwasea wɔ anidaso sen no.
 
21 Sɛ obi kokɔ ne somfo fi ne mmofraase a,
awiei no ɔde awerɛhow na ɛbɛba.
 
22 Onipa a ne bo afuw de mpaapaemu ba,
na nea ne bo nkyɛ fuw no yɛ bɔne pii.
 
23 Onipa ahomaso brɛ no ase,
nanso nea ɔwɔ ahobrɛase no nya anuonyam.
 
24 Nea ɔboa ɔkorɔmfo no haw ɔno ankasa ho.
Wɔama waka ntam nti osuro sɛ obedi adanse.
 
25 Onipa ho suro betumi ayɛ afiri,
na nea ɔde ne ho to Awurade so no, wobegye no.
 
26 Bebree hwehwɛ sɛ wobenya ɔhene ne no akasa,
nanso onipa nya atɛntrenee fi Awurade nkyɛn.
 
27 Atreneefo kyi atorofo;
na amumɔyɛfo kyi wɔn a wɔn akwan teɛ.