30
Agur Nsɛm A Ɔkae
Yake babarima Agur nsɛm a ɔkae a ɛyɛ nkuranhyɛ:
Saa ɔbarima yi ka kyerɛɛ Itiel ne Ukal se:
 
“Me na minnim hwee koraa wɔ nnipa mu,
minni onipa ntease.
Minsuaa nyansa,
na minni Ɔkronkronni no ho nimdeɛ nso.
Hena na waforo akɔ ɔsoro na wasian aba fam?
Hena na wabɔ mframa boa wɔ ne nsam?
Hena na ɔde nʼatade abɔ nsu boa?
Hena na ɔbɔɔ asase tamaa yi?
Ne din de dɛn, na ne babarima nso din de dɛn?
Sɛ wunim a ka kyerɛ me!
 
 
“Onyankopɔn asɛm biara yɛ nokware;
ɔyɛ nkatabo ma wɔn a woguan toa no.
Mfa biribi nka nʼasɛm ho,
anyɛ saa a ɔbɛka wʼanim ama woayɛ ɔtorofo.
 
Awurade, nneɛma abien na mehwehwɛ afi wo nkyɛn;
mfa nkame me ansa na mawu:
ma me ne atoro ne nnaadaasɛm ntam nware koraa;
mma mennyɛ ohiani anaa ɔdefo;
nanso ma me me daa aduan nkutoo.
Anyɛ saa a, ebia minya me ho pii a ɛbɛma mapa wo
na maka se, ‘Hena ne Awurade?’
Anaa mɛyɛ ohiani na mabɔ korɔn,
na ama magu me Nyankopɔn din ho fi.
 
10 “Nsɛe ɔsomfo din nkyerɛ ne wura;
sɛ woyɛ saa a, ɔbɛdome wo na wubetua so ka.
 
11 “Nnipa bi dome wɔn agyanom,
na wonhyira wɔn nanom nso;
12 Wɔn a wɔteɛ wɔ wɔn ankasa ani so
nanso wɔnhohoroo wɔn ho fi no;
13 wɔn a wɔn ani tra ntɔn,
na wobu animtiaa;
14 wɔn a wɔn se yɛ afoa
na asekan hyehyɛ wɔn abogye mu
wɔn na wɔbɛtɔre ahiafo ase afi asase so,
na wɔayi ahiafo afi adesamma mu.
 
15 “Amemem wɔ mmabea baanu
a wɔteɛ mu se, ‘Fa ma! Fa ma!’
 
“Nneɛma abiɛsa na ɛmmee da
anan na ɛnka da se, ‘Eye!’
16 Ɔda,
obonin awotwaa,
asase a ɛyɛ wosee daa,
ne ogya a ɛnka da se, ‘Eye!’
 
17 “Ani a eyi agya ahi,
na ebu ɛna animtiaa no,
obon mu kwaakwaadabi betutu,
na apete abedi.
 
18 “Nneɛma abiɛsa na ɛyɛ me nwonwa,
anan na mente ase:
19 Ɔkwan a ɔkɔre nam so wɔ wim,
sɛnea ɔwɔ nantew ɔbotan so,
ɔkwan a hyɛn nam so wɔ po tamaa so,
ne sɛnea ɔbarima dɔ ababaa.
 
20 “Ɔbea ɔwaresɛefo kwan ni:
Odidi, ɔpepa nʼano
na ɔka se, ‘Menyɛɛ mfomso biara.’
 
21 “Nneɛma abiɛsa na ɛma asase wosow,
anan na asase ntumi nnyina ano:
22 akoa a wabɛyɛ ɔhene,
ɔkwasea a wadidi amee,
23 ɔbea a wɔmpɛ no na waware,
afenaa a otu nʼawuraa tena nʼanan mu.
 
24 “Nneɛma nketenkete anan na ɛwɔ asase so,
nanso wɔyɛ anyansafo ankasa:
25 Ntɛtea yɛ abɔde nketewa a wonni ahoɔden,
nanso wɔboaboa wɔn aduan ano ahuhuru bere mu;
26 Nkukuban* yɛ abɔde a wonni ahoɔden,
nanso wɔyɛ wɔn afi wɔ abotan mu,
27 mmoadabi nni ɔhene,
nanso wɔsa so akuwakuw, kɔ wɔn anim;
28 wotumi de nsa kyere ɔketew,
nanso wohu no abirɛmpɔn ahemfi.
 
29 “Nneɛma abiɛsa na wɔwɔ abirɛmpɔnnantew,
anan na wɔkeka wɔn ho te sɛ abirɛmpɔn:
30 gyata, mmoadoma hene a, biribiara mmɔ no hu;
31 akokɔnini a ɔretutu taataa,
ɔpapo,
ne ɔhene a nʼasraafo atwa no ho ahyia.
 
32 “Sɛ woayɛ ɔkwasea ama wo ho so,
anaa woadwene bɔne a,
ma wʼani nwu na mua wʼano!
33 Sɛnea wɔka nufusu nu mu a srade fi mu ba,
na wokyinkyim hwene a etu mogya no,
saa ara na abufuw de akasakasa ba.”
* 30:26 Nkukuban yɛ nnanko mu ahorow bi a, wɔtena akuwakuw wɔ mmepɔw mu.