28
Omumɔyɛfo guan bere a obiara ntaa no,
nanso atreneefo koko yɛ duru sɛ gyata.
 
Atuatewman nya sodifo pii,
nanso onipa a ɔwɔ nhumu ne nimdeɛ ma mmara yɛ adwuma.
 
Sodifo a ɔhyɛ ahiafo so no
te sɛ osu mu ahum a ennyaw nnɔbae bi wɔ akyi.
 
Wɔn a wɔpo mmara no kamfo amumɔyɛfo,
na wɔn a wodi mmara so no siw wɔn kwan.
 
Abɔnefo nte atɛntrenee ase,
nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, te ase yiye.
 
Ohiani a ne nantew ho nni asɛm
ye sen ɔdefo a nʼakwan yɛ kɔntɔnkye.
 
Nea odi mmara so yɛ ɔba a ɔwɔ nhumu,
nanso nea ɔne adidibradafo bɔ no gu nʼagya anim ase.
 
Nea ogye mfɛntom mmoroso de nya ne ho no,
ɔboaboa ano ma nea ɔbɛyɛ ahiafo adɔe.
 
Sɛ obi nni mmara so a,
ne mpaebɔ mpo yɛ akyiwade.
 
10 Nea odi atreneefo anim de wɔn fa ɔkwan bɔne so no
bɛhwe ɔno ankasa afiri mu,
nanso wɔn a wɔn ho nni asɛm no benya agyapade a eye.
 
11 Ɔdefo tumi yɛ onyansafo wɔ nʼankasa ani so,
nanso ohiani a ɔwɔ nhumu no hu sɛnea ɔte.
 
12 Sɛ atreneefo di nkonim a, nnipa di ahurusi pii;
nanso sɛ amumɔyɛfo nya tumi a nnipa kohintaw.
 
13 Onipa a ɔkata ne bɔne so no nnya nkɔso,
na nea ɔka ne bɔne na ogyae yɛ no nya ahummɔbɔ.
 
14 Nhyira nka nea osuro Awurade bere nyinaa,
nanso nea opirim ne koma no tɔ amane mu.
 
15 Omumɔyɛfo a odi nnipa a wonni mmoa so no
te sɛ gyata a ɔbobɔ mu anaa sisi a nʼani abere.
 
16 Ɔsodifo tirimɔdenfo nni adwene,
na nea okyi mfaso a wɔnam ɔkwan bɔne so nya no benya nkwa tenten.
 
17 Nea awudi ma ne tiboa bu no fɔ no
bɛyɛ ɔkobɔfo akosi ne wu da;
wɔmma obiara nsiw no kwan.
 
18 Nea ne nantew ho nni asɛm no, wogye no fi ɔhaw mu,
nanso nea nʼakwan yɛ kɔntɔnkye no bɛhwe ase mpofirim.
 
19 Nea ɔyɛ nʼasase so adwuma no benya aduan pii,
nanso wɔn a wodi nnaadaasɛm akyi no benya wɔn so ne wɔn hia.
 
20 Wobehyira onipa nokwafo pii,
na nea ɔpere pɛ ahonyade no remfa ne ho nni.
 
21 Nhwɛanim nye,
nanso aduan kakraa bi nti nnipa bɛyɛ bɔne.
 
22 Nea ɔyɛ pɛpɛe pere sɛ ɔbɛyɛ ɔdefo
na onnim sɛ ohia retwɛn no.
 
23 Nea ɔka obi anim no bɛsɔ nnipa ani akyiri no
asen nea ɔwɔ tɛkrɛmadɛ.
 
24 Nea ɔbɔ nʼagya anaa ne na korɔn
na ɔka se, “Ɛnyɛ bɔne no,”
ɔne ɔsɛefo na ɛbɔ.
 
25 Odifudepɛfo de mpaapaemu ba
na nea ɔde ne ho to Awurade so no benya nkɔso.
 
26 Nea ogye ne ho di no yɛ ɔkwasea,
na nea ɔnantew nyansa mu no wobegye no.
 
27 Nea ɔma ahiafo no, hwee renhia no,
nanso nea obu nʼani gu wɔn so no nya nnome pii.
 
28 Sɛ amumɔyɛfo nya tumi a, nnipa kohintaw;
na sɛ amumɔyɛfo ase tɔre a, atreneefo ase dɔ.