27
Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho,
na wunnim nea ɛda bi de bɛba.
 
Ma ɔfoforo nkamfo wo; na ɛnyɛ wo ankasa;
ma emfi ɔfoforo anom na ɛnyɛ wo.
 
Ɔbo mu yɛ duru, na nwea yɛ adesoa,
nanso ɔkwasea abufuwhyew yɛ duru sen emu biara.
 
Abufuw tirim yɛ den, na abufuwhyew sɛe ade,
na hena na obetumi agyina ninkutwe ano?
 
Animka a ɛda gua
ye sen ɔdɔ a asuma.
 
Apirakuru a efi adamfo nkyɛn no ye
sen ɔtamfo mfewano bebrebe.
 
Ɛwo nyɛ nea wamee akɔnnɔ,
nanso nea ɛyɛ nwen mpo yɛ nea ɔkɔm de no no nʼanom dɛ.
 
Onipa a wayera ne fi kwan,
te sɛ anomaa a wafi ne berebuw mu rekyinkyin.
 
Ngo ne aduhuam ma koma ani gye,
adamfo ho anigye fi nʼafotu pa a ɔma.
 
10 Nnyaa wʼadamfo ne wʼagya adamfo mu,
nkɔ wo nuabarima fi bere a ɔhaw ato wo,
na ɔyɔnko a ɔbɛn wo no ye sen onuabarima a ɔwɔ akyirikyiri.
 
11 Me ba, hu nyansa na ma me koma ani nnye;
ɛno na ɛbɛma manya mmuae ama obiara a obu me animtiaa.
 
12 Mmadwemma hu asiane na wohintaw,
nanso ntetekwaafo kɔ wɔn anim kɔtɔ mu.
 
13 Fa atade a ɛhyɛ obi a odi ɔhɔho akagyinamu;
sɛ ɔregyina ɔbea huhufo akyi a, fa si awowa.
 
14 Sɛ obi teɛ mu hyira ne yɔnko anɔpahema a,
wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ nnome.
 
15 Ɔyere tɔkwapɛfo te sɛ
ahumtuda nsusosɔ wɔ ɔdan a enwin so;
16 sɛ wopata no a, ɛte sɛ nea wopata mframa
anaa wode wo nsa beso ngo mu.
 
17 Dade sew dade,
saa ara na onipa sew ɔfoforo.
 
18 Nea ɔhwɛ borɔdɔma dua so no bedi so aba,
na nea ɔsom ne wura no, wɔbɛhyɛ no anuonyam.
 
19 Sɛnea nsu yi animdua kyerɛ no,
saa ara na onipa koma da onipa no adi.
 
20 Sɛnea Owu ne Ɔsɛe bo ntɔ da no,
saa ara, na onipa ani nso bo ntɔ da.
 
21 Kyɛmfɛre wɔ hɔ ma dwetɛ na fononoo wɔ hɔ ma sikakɔkɔɔ,
nanso wɔnam nkamfo a onipa nya so na ɛsɔ no hwɛ.
 
22 Sɛ wowɔw ɔkwasea wɔ ɔwaduru mu,
sɛ wode ɔwɔma wɔw no te sɛnea wusiw aburow a,
worentumi nyi agyimisɛm mfi ne ho.
 
23 Ma ɛnyɛ wo asɛnhia sɛ wubehu wo nguankuw tebea,
na ma wʼani nkɔ wo anantwikuw so;
24 efisɛ, ahonya ntena hɔ daa,
na ahenkyɛw ntena hɔ mma awo ntoantoaso nyinaa.
25 Sɛ wotwa sare no na foforo fifi,
na wɔboaboa nkoko so sare no ano a,
26 ɛno de, nguantenmma no bɛma wo ntama,
na mmirekyi ama sika a ɛtɔ mfuw.
27 Wubenya mmirekyi nufusu bebree
ama wo ne wʼabusuafo adi
ne aduan ama wo mmaawa.