26
Sɛnea sukyerɛmma te ahuhurubere anaasɛ osu wɔ otwabere no,
saa ara na anuonyam mfata ɔkwasea.
Sɛnea apatuprɛw tu anaasɛ asomfena tu dannan ne ho no,
saa ara na nnuabɔ hunu nsi hwee.
Ɔkafo abaa wɔ hɔ ma ɔpɔnkɔ, nnareka wɔ hɔ ma afurum,
na abaa wɔ hɔ ma nkwaseafo akyi.
Nhwɛ ɔkwasea agyimisɛm so mma no mmuae,
anyɛ saa a wo nso bɛyɛ sɛ ɔno.
Gyina ɔkwasea agyimisɛm so ma no mmuae,
anyɛ saa a ɛbɛyɛ no sɛ onim nyansa.
Sɛ wode nkra bi soma ɔkwasea a,
ɛte sɛ wutwitwa wʼankasa wʼanan anaasɛ wonom awuduru.
Apakye nan a awu na ɛsensɛn hɔ no,
yɛ mmebusɛm a ɛda ɔkwasea ano.
Ɔbo a wɔakyekyere afam ahwimmo so
te sɛ anuonyam a wɔde ama ɔkwasea.
Nsɔe dua a ɔkɔwensani kita no
te sɛ mmebusɛm a ɛda ɔkwasea ano.
10 Nea ɔbɔ ɔkwasea anaa obi hunu paa no
te sɛ agyantowni a opira nnipa kwa.
11 Sɛnea ɔkraman san kɔ ne fe ho no,
saa ara na ɔkwasea ti nʼagyimisɛm mu.
12 Wuhu obi a ɔyɛ onyansafo wɔ nʼankasa ani so ana?
Anidaso pii wɔ ɔkwasea mu sen no.
 
13 Ɔkwadwofo ka se, “Gyata wɔ ɔkwan no mu,
gyatakeka nenam mmɔnten no so!”
14 Sɛnea ɔpon di akɔneaba wɔ ne mpontare so no,
saa ara na ɔkwadwofo twa ne ho wɔ ne mpa so.
15 Ɔkwadwofo de ne nsa si aduan mu,
na ɛyɛ no anihaw sɛ obeyi akɔ nʼano.
16 Ɔkwadwofo yɛ onyansafo wɔ ɔno ankasa ani so
sen nnipa baason a wodwen asɛm ho na wɔabua.
 
17 Obi a oso ɔkraman aso twe no no
te sɛ obi a ɔretwa mu na ɔde ne ho kɔfra ntɔkwaw a ɛmfa ne ho mu.
 
18 Ɔbɔdamfo a ɔtotow atuo
anaa agyanwerɛmfo no
19 te sɛ obi a, ɔdaadaa ne yɔnko
na ɔka se, “Na mede redi agoru!”
 
20 Nnyansin hi a ogya dum;
nseku nni hɔ a ntɔkwaw to twa.
21 Sɛnea gyabiriw dan nnyansramma na nnyina dan ogya no,
saa ara na ɔtɔkwapɛfo hyɛ ntɔkwaw mu takramugya.
22 Osekuni ano asɛm te sɛ aduan a ɛyɛ dɛ;
ɛhyɛnhyɛn onipa akwaa mu nyinaa.
 
23 Sɛnea ama kata asankagow ho no
saa ara na tɛkrɛmadɛ kata amumɔyɛ koma so.
24 Onipa bɔne kasa te sɛ nea oye,
nanso nnaadaa ahyɛ ne koma ma.
25 Ɛwɔ mu sɛ ne kasa yɛ dɛ de, nanso nnye no nni,
efisɛ abususɛm ason ahyɛ ne koma ma.
26 Ebia nnaadaa bɛkata nʼadwemmɔne so,
nanso nʼamumɔyɛsɛm bɛda adi wɔ bagua mu.
27 Sɛ onipa tu amoa a, ɔbɛtɔ mu;
sɛ onipa pirew ɔbo a, ɛbɛsan aba no so.
28 Atoro tɛkrɛma kyi wɔn a ogu wɔn ho fi,
na adɛfɛdɛfɛ ano de ɔsɛe ba.