25
Salomo Mmebusɛm Nkekaho
Eyinom yɛ Salomo mmebusɛm nkekaho a Yudahene Hesekia afotufo kyerɛwee:
Ɛyɛ Onyankopɔn anuonyamhyɛ sɛ wɔde asɛm sie;
sɛ wɔpɛɛpɛɛ asɛm mu nso hyɛ ahemfo anuonyam.
Sɛnea ɔsoro korɔn na asase mu dɔ no,
saa ara na wɔrentumi nhwehwɛ ahemfo koma mu.
 
Sɛ woyi dwetɛ ho fi a,
na ato nea ɛkɔ dwetɛdwumfo nsam;
Yi amumɔyɛfo fi ɔhene anim,
na trenee bɛma nʼahengua atim.
 
Mma wo ho so wɔ ɔhene anim,
na mpere dibea wɔ atitiriw mu;
Eye ma no sɛ ɔbɛka akyerɛ wo se, “Bra soro ha,”
sen sɛ ɔbɛbrɛ wo ase wɔ otitiriw bi anim.
 
Nea wode wʼani ahu no
mpɛ ntɛm mfa nkɔ asennii,
na sɛ awiei no wo yɔnko gu wʼanim ase a
dɛn na wobɛyɛ?
 
Sɛ wo ne wo yɔnko di asɛm a
nna obi foforo ahintasɛm adi,
10 anyɛ saa a, nea ɔbɛte no begu wʼanim ase
na din bɔne a wubenya no rempepa da.
 
11 Asɛm a wɔka no sɛnea ɛfata no
te sɛ sika kɔkɔɔ a wɔabɔ sɛ aprɛ
de atuatua dwetɛ nsiesiei mu.
12 Sikakɔkɔɔ asokaa anaa sikakɔkɔɔ ankasa ahyehyɛde
te sɛ onyansafo animka a ɔde ma nea ɔyɛ aso ma no.
 
13 Sɛnea sukyerɛmma ma wim dwo wɔ otwabere mu no,
saa ara na ɔsomafo nokwafo te ma wɔn a wɔsoma no no;
na ɔma ne wuranom akomatɔyam.
14 Omununkum ne mframa a ɛmfa osu mma no
te sɛ onipa a ɔde akyɛde a ɔmmfa mma hoahoa ne ho.
 
15 Ntoboase ma sodifo ti da,
na tɛkrɛmabere tumi bu dompe mu.
 
16 Sɛ wunya ɛwo a, nni ntra so,
ne bebrebe bɛma woafe.
17 Ntaa nkɔ wo yɔnko fi,
wo ho fono no a, ɔbɛtan wo.
 
18 Onipa a odi adansekurum tia ne yɔnko no
te sɛ kontibaa, afoa anaa bɛmma a ano yɛ nnam.
19 Ɛse a ɛyare ɔkekaw anaa nan a ɛyɛ apakye
te sɛ nea wode wo ho to ɔtorofo so hiada mu.
20 Nea ɔto dwom kyerɛ ɔwerɛhowni no,
te sɛ nea ɔpa ntama gu awɔwbere mu
anaa te sɛ nsa nyinyanyinya a wohwie gu apirakuru so.
 
21 Sɛ ɔkɔm de wo tamfo a, ma no aduan nni;
sɛ osukɔm de no a, ma no nsu nnom.
22 Sɛ woyɛ saa a, wobɛsosɔ nnyansramma agu nʼatifi,
na Awurade bɛma wo akatua.
 
23 Sɛnea atifi fam mframa de osu ba no,
saa ara na tɛkrɛma a edi nseku de omuna ba.
 
24 Eye sɛ wobɛtena suhyɛ twɔtwɔw ase baabi,
sen sɛ wo ne ɔyere tɔkwapɛfo bɛtena fie.
 
25 Nsuonwini a ɔkra a atɔ beraw nya no
te sɛ anigyesɛm a efi akyirikyiri.
26 Asuti a afono anaa abura a ayɛ pɔtɔɔ
te sɛ ɔtreneeni a ogyaa ne ho ma amumɔyɛfo.
 
27 Enye sɛ wodi ɛwo ntraso,
saa ara na ɛnyɛ anuonyam sɛ obi bɛhwehwɛ nsɛm a mu dɔ mu.
 
28 Onipa a onni ahohyɛso no
te sɛ kuropɔn a nʼafasu abubu agu fam.