24
Mma wʼani mmere amumɔyɛfo,
mfa wo ho mmɔ wɔn;
Efisɛ wɔn koma dwene atirimɔdensɛm ho,
na wɔn ano ka nea ɛde basabasayɛ ba ho asɛm.
Wɔde nyansa na esi fi,
na nhumu mu na wɔma etim;
ɛnam nimdeɛ so na wonya ademude a ɛho yɛ na
na ɛyɛ fɛ hyehyɛ nʼadan mu.
 
Onyansafo wɔ tumi a ɛso,
na onimdefo nyin ahoɔden mu;
nea ɔretu sa hia akwankyerɛ,
nea ɔrehwehwɛ nkonimdi no hia afotufo pii.
 
Nyansa wɔ soro dodo ma ɔkwasea;
wɔ apon ano aguabɔ mu no, ɛnsɛ sɛ wobue wɔn ano.
 
Onipa a ɔbɔ pɔw bɔne no,
wɔbɛfrɛ no ɔkɔtwebrɛfo.
Ogyimifo nhyehyɛe yɛ bɔne,
nnipa kyi ɔfɛwdifo.
10 Sɛ wʼaba mu gow wɔ ɔhaw mu a,
na wʼahoɔden sua!
 
11 Gye wɔn a wɔde wɔn rekɔ akokum wɔn no nkwa;
na sianka wɔn a wɔtɔ ntintan kɔ akumii.
12 Sɛ woka se, “Na yennim eyi ho hwee a,”
nea ɔkari koma hwɛ no nhu ana?
Nea ɔbɔ wo nkwa ho ban no nnim ana?
Ɔrentua nea obiara ayɛ so ka ana?
 
13 Me ba, di ɛwo, efisɛ eye;
ɛwokyɛm mu wo yɛ wʼanom dɛ.
14 Hu nso sɛ nyansa yɛ wo kra dɛ;
sɛ wunya a, wowɔ anidaso ma daakye,
na wʼanidaso renyɛ ɔkwa.
 
15 Nkɔtɛw ɔtreneeni fi sɛ ɔkwanmukafo,
na nkɔtow nhyɛ nʼatenae so,
16 Ɛwɔ mu sɛ ɔtreneeni hwe ase mpɛn ason de, nanso ɔsɔre bio,
na amumɔyɛfo de amanehunu baako ma wɔhwe ase.
 
17 Sɛ wo tamfo hwe ase a mma ɛnyɛ wo dɛ;
na sɛ ohintiw a mma wo koma nni ahurusi,
18 efisɛ Awurade behu wʼadwene na ɔrempɛ
na obeyi nʼabufuwhyew afi no so.
 
19 Nhaw wo ho wɔ abɔnefo nti,
na mma wʼani mmere amumɔyɛfo nso,
20 efisɛ, ɔbɔnefo nni anidaso biara daakye,
na wobedum amumɔyɛfo kanea.
 
21 Me ba, suro Awurade ne ɔhene,
na mfa wo ho mmɔ atuatewfo ho,
22 efisɛ saa baanu yi de, ɔsɛe bɛba wɔn so mpofirim;
na hena na onim amanehunu ko a wobetumi de aba?
Anyansafo Nsɛnka A Ɛkeka Ho
23 Eyinom nso yɛ anyansafo Nsɛnka:
Atemmu a nhwɛanim wɔ mu no nye:
24 Obiara a ɔbɛka akyerɛ nea odi fɔ se, “Wo ho nni asɛm” no,
nnipa bɛdome no na amanaman remmɔ no din pa.
25 Na wɔn a wobu afɔdifo fɔ no, ebesi wɔn yiye,
na nhyira bɛba wɔn so.
 
26 Mmuae pa
te sɛ mfewano.
 
27 Wie wo mfikyidwuma
na siesie wo mfuw;
ɛno akyi, si wo fi.
 
28 Nni adanse ntia ɔyɔnko a ɔnyɛɛ wo hwee,
na mfa wʼano nnaadaa.
29 Nka se, “Nea wayɛ me no me nso mɛyɛ no bi;
nea ɔyɛe no mitua no so ka.”
 
30 Menantew faa onihawfo afuw ho,
twaa mu wɔ nea onni adwene bobeturo nso ho;
31 nsɔe afuw wɔ baabiara,
wura afuw akata asase no so,
na abo afasu no nso abubu.
32 Mede me koma kɔɔ nea mihuu no so
na misuaa biribi fii mu:
33 nna kakra, nkotɔ kakra,
nsa a woabobɔw de rehome kakra
34 bɛma ohia aba wo so sɛ ɔkwanmukafo,
na nneɛma ho nna bɛba wo so sɛ obi a okura akode. Na ohia bɛtow akyere wo sɛ ɔkwanmukafo; ahokyere bɛtoa wo sɛ ɔkorɔmfowerɛmfo.