23
Sɛ wo ne ɔhene bi to nsa didi a,
hwɛ nea esi wʼanim no yiye,
Sɛ woyɛ adidibrada a,
hyɛ wo ho so.
Nni nʼaduan akɔnnɔ akɔnnɔ no akyi,
efisɛ saa aduan no daadaa nnipa.
 
Mmiri wo mogya ani mpɛ sika;
hu nyansa na tɔ wo bo ase.
Wʼani bɔɔ sika so ara pɛ, na atu ayera,
ampa ara ebefuw ntaban
na atu akɔ wim sɛ ɔkɔre.
 
Nni obi a ɔyɛ pɛpɛe aduan,
nni nʼakɔnnɔ aduan akyi;
efisɛ ɔyɛ obi a
bere biara osusuw sika ho.
Ɔka se, “Didi na nom,”
nanso ɛnyɛ ne koma mu.
Kakra a woadi no wobɛfe,
na ɛno nti wo nkamfo so remma mfaso.
 
Nkasa nkyerɛ ɔkwasea,
efisɛ ɔremfa nyansa a ɛwɔ wo kasa mu no.
10 Ntutu tete abo a wɔde ato hye ngu,
na ntra ɔhye nkɔ ayisaa mfuw mu,
11 efisɛ wɔn Gyefo yɛ den,
na obedi wɔn asɛm ama wɔn.
 
12 Ma wo koma mmra nkyerɛkyerɛ so,
na wɛn wʼaso tie nimdeɛ.
 
13 Ntwentwɛn abofra nteɛso so;
sɛ wode abaa teɛ no a, ɔrenwu.
14 Fa abaa twe nʼaso
na gye ne kra fi owu mu.
 
15 Me ba, sɛ wo koma hu nyansa a,
ɛno de, me koma ani begye;
16 sɛ wʼano ka nea ɛteɛ a
me mu ade nyinaa ani begye.
 
17 Mma wʼani mmere abɔnefo,
mmom bɔ Awurade suro ho mmɔden bere biara.
18 Ampa ara anidaso wɔ hɔ ma wo daakye,
na wʼanidaso renyɛ ɔkwa.
 
19 Me ba, tie, na hu nyansa,
ma wo koma mfa ɔkwantrenee so.
20 Mfa wo ho mmɔ akɔwensafo
anaasɛ wɔn a wɔpɛ nam mmoroso ho,
21 efisɛ, akɔwensafo ne adidibradafo bɛyɛ ahiafo,
na anikum fura wɔn ntamagow.
 
22 Tie wʼagya a ɔwoo wo no,
na sɛ wo na bɔ aberewa a, mmu no animtiaa.
23 Tɔ nokware na ntɔn da;
nya nyansa, ahohyɛso ne nhumu.
24 Ɔtreneeni agya wɔ anigye bebree;
nea ɔwɔ ɔba nyansafo no ani gye ne ho.
25 Ma wʼagya ne wo na ani nnye;
ma ɔbea a ɔwoo wo no nnya ahosɛpɛw.
 
26 Me ba, fa wo koma ma me
na ma wʼani nkɔ mʼakwan ho,
27 na oguamanfo yɛ amoa donkudonku
ɔyere huhuni yɛ ɔdaadaafo.
28 Ɔtɛw, twɛn, te sɛ ɔkwanmukafo,
na ɔma mmarima mu atorofo dɔɔso.
 
29 Hena na wɔadome no? Hena na odi awerɛhow?
Hena na odi aperepere? Hena na onwiinwii?
Hena na ɔwɔ atape nko ara? Hena na mogya ada nʼani so?
30 Wɔn a wɔkyɛ nsa ho,
na wɔka nsa a wɔafrafra hwɛ.
31 Nhwɛ nsa ani kɔkɔɔ no haa,
bere a ɛretwa yerɛw yerɛw wɔ kuruwa mu,
na ɛkɔ yɔɔ no.
32 Awiei no, ɛka te sɛ ɔwɔ
na ɛwɔ bɔre te sɛ ahurutoa.
33 Wʼani behu nneɛma a wunhuu da,
na woadwene nneɛma basabasa ho.
34 Wobɛtɔ ntintan te sɛ hyɛn mu dwumayɛni a,
okura hyɛn dua a, ɛrehinhim mu den, na ehinhim wɔ po so.
35 Na wobɛka se, “Wɔbɔ me, nanso mimpira.
Wɔboro me, nanso mente ɔyaw biara.
Bere bɛn na menyan
akɔpɛ nsa anom bio?”