22
Din pa ye sen ahonya bebrebe;
sɛ wobedi wo ni ye sen dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ.
 
Ɔdefo ne ohiani wɔ ade baako,
Awurade ne wɔn nyinaa Yɛfo.
 
Onitefo hu amanehunu a ɛreba na ohintaw ne ho,
nanso atetekwaa kɔ nʼanim konya amane.
 
Ahobrɛase ne Awuradesuro
ɛma ahonya ne anuonyam ne nkwa.
 
Nsɔe ne mfiri wɔ amumɔyɛfo akwan so,
nanso nea ɔbɔ ne kra ho ban no mmɛn ho.
 
Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so,
na sɛ onyin a ɔremfi so.
 
Adefo di ahiafo so,
na boseagyefo yɛ nea ɔde fɛm somfo.
 
Nea odua amumɔyɛsɛm no twa ɔhaw
na wɔbɛsɛe nʼabufuwhyew abaa.
 
Ɔyamyefo benya nhyira
efisɛ ɔne ahiafo kyɛ nʼaduan.
 
10 Pam ɔfɛwdifo na basabasayɛ nso bɛkɔ;
ntɔkwaw ne animka to atwa.
 
11 Obi a ɔdɔ koma a mu tew na ne kasa ho yɛ nyam no,
benya ɔhene afa no adamfo.
 
12  Awurade ani wɛn nimdeɛ,
na ɔsɛe ɔtorofo nsɛm.
 
13 Ɔkwadwofo ka se, “Gyata bi wɔ mfikyiri hɔ!”
anaasɛ, “Wobekum me wɔ mmɔnten so.”
 
14 Ɔbea waresɛefo anom yɛ amoa donkudonku;
nea ɔhyɛ Awurade abufuw ase no bɛtɔ mu.
 
15 Agyimisɛm kyekyere abofra koma ho,
nanso nteɛso abaa bɛpam no akɔ akyiri.
 
16 Obi besisi ohiani de apɛ ahonya,
anaa ɔbɛkyɛ ɔdefo ade, ne nyinaa de no kɔ ohia mu.
Anyansasɛm
17 Yɛ aso na tie anyansasɛm yi;
fa wo koma di me nkyerɛkyerɛ akyi,
18 efisɛ eye sɛ wokora saa nsɛm yi wɔ wo koma mu,
na ne nyinaa ada wʼano.
19 Sɛ ɛbɛyɛ a wode wo ho bɛto Awurade so,
merekyerɛkyerɛ wo nnɛ, yiw ɛyɛ wo.
20 Menkyerɛw mmɛ aduasa mmaa wo,
nea ɛyɛ afotusɛm ne nimdeɛ,
21 a ɛkyerɛkyerɛ wo nokware ne nea akyinnye nni ho,
sɛnea wubenya mmuae pa ama nea ɔsomaa wo no ana?
 
22 Mmɔ ahiafo korɔn, sɛ wɔyɛ ahiafo nti,
na nsisi wɔn a wonni bi wɔ asennii,
23 efisɛ Awurade bedi wɔn asɛm ama wɔn,
na wafom afa wɔn a wɔfom ahiafo fa.
 
24 Mfa obi a ne koma yɛ den no adamfo,
na mfa wo ho mmɔ nea ne bo nkyɛ fuw,
25 anyɛ saa a, wubesua nʼakwan
na woakɔtɔ afiri mu.
 
26 Nyɛ nea ɔde ne nsa hyɛ krataa ase di akagyinamu
anaasɛ odi akagyinamu;
27 na sɛ wunni nea wɔde tua a
wobehuam wo mpa mpo afi wʼase.
 
28 Ntutu tete abo a wɔde ato hye,
nea wo nenanom de sisii hɔ no.
 
29 Wuhu obi a ne nsa akokwaw nʼadwuma ho ana?
Ahemfo anim na ɔbɛsom,
na ɔrensom wɔ mpapahwekwa anim.