21
Ɔhene koma da Awurade nsam;
ɔkyerɛ no ɔkwan te sɛ asuten ma ɔkɔ baabiara a ɔpɛ.
 
Onipa akwan nyinaa teɛ wɔ nʼani so,
nanso Awurade na ɔkari koma.
 
Sɛ woyɛ ade pa ne ade a ɛteɛ a,
ɛsɔ Awurade ani sen afɔrebɔ.
 
Ani a ɛtra ntɔn ne ahomaso koma,
ne amumɔyɛfo asetena nyinaa yɛ bɔne!
 
Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba,
sɛnea ntɛmpɛ kowie ohia no.
 
Ahonya a nkontompo tɛkrɛma de ba no,
ɛyɛ omununkum a etwa mu kɔ, na ɛsan yɛ owu afiri.
 
Amumɔyɛfo basabasayɛ bɛtwe wɔn akɔ,
efisɛ wɔmpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛteɛ.
 
Onipa a odi fɔ no akwan yɛ kɔntɔnkye,
na nea ne ho nni asɛm no nneyɛe teɛ.
 
Suhyɛ twɔtwɔw ase baabi tena
ye sen sɛ wo ne ɔyere tɔkwapɛfo bɛtena fie.
 
10 Omumɔyɛfo kɔn dɔ bɔne;
onni ahummɔbɔ mma ne yɔnko.
11 Sɛ wɔtwe ɔfɛwdifo aso a, ntetekwaafo hu nyansa,
sɛ wɔkyerɛkyerɛ onyansafo a, onya nimdeɛ.
 
12 Ɔtreneeni no hu nea ɛrekɔ so wɔ omumɔyɛfo fi,
na ɔde omumɔyɛfo no kɔ ɔsɛe mu.
 
13 Sɛ onipa sisiw nʼaso wɔ mmɔborɔni su ho a,
ɔno nso besu afrɛ, na wɔrennye no so.
 
14 Kokoa mu adekyɛ dwudwo koma,
kɛtɛasehyɛ nso pata abufuwhyew.
 
15 Sɛ wubu atɛntrenee a, atreneefo ani gye,
nanso ɛyɛ ahunahuna ma abɔnefo.
 
16 Onipa a ɔman fi nhumu kwan so no
bɛhome wɔ awufo fekuw mu.
 
17 Nea odi ahosɛpɛw akyi no bɛyɛ ohiani;
nea ɔpɛ nsa ne ngo no rennya ne ho da.
 
18 Amumɔyɛfo de wɔn nkwa to hɔ ma atreneefo,
na atorofo yɛ saa ma wɔn a wɔyɛ pɛ.
 
19 Eye sɛ wobɛtena sare so,
sen sɛ wo ne ɔyere tɔkwapɛfo a ne koma haw no no bɛtena.
 
20 Nnuan pa ne ngo ayɛ onyansafo fi ma,
nanso ɔkwasea di nea ɔwɔ nyinaa.
 
21 Nea otiw trenee ne ɔdɔ no
nya nkwa, yiyedi ne anuonyam.
 
22 Onyansafo tow hyɛ ahoɔdenfo kuropɔn so,
na odwiriw abandennen a wɔn werɛ hyɛ mu no gu fam.
 
23 Nea ɔkora nʼano ne ne tɛkrɛma no
twe ne ho fi amanenya ho.
 
24 Ɔhantanni a ɔma ne ho so no, ne din ne “Ɔfɛwdifo”
ɔde ahantan ntraso yɛ ade.
 
25 Nea ɔkwadwofo kɔn dɔ no bɛyɛ owu ama no,
efisɛ ne nsa mpɛ adwumayɛ.
 
26 Da mu nyinaa ɔpere sɛ obenya bebree,
nanso ɔtreneeni de, ɔma a ɔnnodow ho.
 
27 Omumɔyɛfo afɔrebɔ yɛ akyiwade,
ne titiriw ne sɛ ɔde adwemmɔne bata ho.
 
28 Ɔdansekurumni bɛyera,
na wɔbɛsɛe obiara a otie no no nso.
 
29 Amumɔyɛfo di akakabensɛm,
na ɔtreneeni de, osusuw nʼakwan ho.
 
30 Nyansa, nhumu ne nhyehyɛe biara nni hɔ a
ebetumi ayɛ yiye atia Awurade.
 
31 Wosiesie apɔnkɔ ma ɔko da,
nanso nkonimdi yɛ Awurade dea.