20
Nsa yɛ ɔfɛwdifo na nsaden yɛ ɔtɔkwapɛfo;
na obiara a nsa bɛma wafom kwan no nyɛ onyansafo.
 
Ɔhene abufuwhyew te sɛ gyata mmubomu;
na nea ɔhyɛ no abufuw no de nkwa twa so.
 
Ɛyɛ onipa anuonyam sɛ ɔbɛkwati akasakasa,
nanso ogyimifo biara pɛ ntɔkwaw.
 
Onihawfo mfuntum nʼasase wɔ ne bere mu;
enti edu twabere a onya hwee.
 
Onipa koma botae yɛ asubun,
nanso nea ɔwɔ nhumu no twetwe ma epue.
 
Nnipa dodow no ara ka se wɔwɔ ɔdɔ a ɛnsa da,
na hena na obetumi ahu ɔnokwafo?
 
Ɔtreneeni bu ɔbra kronkron;
nhyira nka ne mma a wɔba wɔ nʼakyi.
 
Sɛ ɔhene tena nʼahengua so bu atɛn a,
ɔde nʼani huhuw bɔne nyinaa so gu.
 
Hena na obetumi aka se, “Mapra me koma mu;
meyɛ kronkron na minni bɔne?”
 
10 Nkaribo ne susudua a ɛnyɛ papa no,
Awurade kyi nʼabien no nyinaa.
 
11 Mpo wɔnam abofra nketewa nneyɛe so hu wɔn,
saa ara na ne suban yɛ kronkron ne papa no.
 
12 Aso a wɔde te asɛm ne ani a wɔde hu ade,
Awurade na wayɛ nʼabien no nyinaa.
 
13 Mma nna nyɛ wo dɛ, na woanni hia;
nna, na wubenya aduan ama abu so.
 
14 Adetɔni ka se, “Enye, enye!”
nanso sɛ ɔkɔ a ɔde nea watɔ no hoahoa ne ho.
 
15 Sika kɔkɔɔ wɔ hɔ, na nhene pa nso abu so,
na ano a ɛka nimdeɛ nsɛm yɛ ɔbohemaa a ɛho yɛ na.
 
16 Fa obi a odi ɔhɔho akagyinamu atade;
sɛ ɔregyina ɔbea huhufo akyi a, fa si awowa.
 
17 Aduan a wonya no ɔkwan bɔne so no yɛ onipa anom dɛ,
nanso akyiri no, ɛdan mmosea wɔ nʼanom.
 
18 Pɛ afotu yɛ wo nhyehyɛe;
sɛ wutu ɔsa a, nya ho akwankyerɛ.
 
19 Osekuni da kokoamsɛm adi;
enti twe wo ho fi onipa a ɔkasa bebree ho.
 
20 Sɛ obi dome nʼagya anaasɛ ne na a,
wobedum ne kanea wɔ sum kabii mu.
 
21 Agyapade a wɔpere ho nya no,
renyɛ nhyira akyiri no.
 
22 Nka se, “Metua wo saa bɔne yi so ka!”
Twɛn Awurade, na obegye wo.
 
23  Awurade kyi nkaribo a ɛnyɛ papa,
na asisi nsania nso nsɔ nʼani.
 
24  Awurade na ɔkyerɛ onipa anammɔntu.
Na ɛbɛyɛ dɛn na obi bɛte nʼankasa akwan ase?
 
25 Obi pɛ ntɛm hyɛ bɔ, ansa na wadwene ho a,
osum ne ho afiri.
 
26 Ɔhene nyansafo hu amumɔyɛfo;
na ɔde awiyam afiri hankare fa wɔn so.
 
27  Awurade kanea hwehwɛ onipa honhom mu,
ɛhwehwɛ ne mu baabiara.
 
28 Ɔdɔ ne nokwaredi bɔ ɔhene ho ban;
nʼadɔe ma nʼahengua tim.
 
29 Mmerante anuonyam ne wɔn ahoɔden,
tidwen nso ne mmasiriwa anuonyam.
 
30 Ɔhwe ne apirakuru hohoro amumɔyɛ,
mmaatwa tew koma mu.