19
Ohiani a ne nantew ho nni asɛm no
ye sen ɔkwasea a nʼasɛm mfa kwan mu.
 
Mmɔdemmɔ a nimdeɛ nka ho no nye,
saa ara na ntɛmpɛ a ɛma obi yera kwan nso nye.
 
Onipa agyimisɛm sɛe nʼabrabɔ,
nanso ne koma huru tia Awurade.
 
Ahonya frɛfrɛ nnamfonom bebree;
nanso ohiani adamfo gyaw no hɔ.
 
Adansekurumni benya nʼakatua,
na nea otwa nkontompo remfa ne ho nni.
 
Nnipa pii pɛ adom fi sodifo nkyɛn,
na nea ɔkyɛ ade yɛ obiara adamfo.
 
Ohiani abusuafo nyinaa po no,
na saa ara na ne nnamfonom po no!
Mpo ɔhwehwɛ wɔn, pɛ sɛ ɔpa wɔn kyɛw,
nanso onhu wɔn baabiara.
 
Nea onya nyansa no dɔ ne kra;
nea ɔpɛ nhumu no nya nkɔso.
 
Adansekurumni benya asotwe,
na nea otwa nkontompo no bɛyera.
 
10 Ɛmfata sɛ ɔkwasea bedi taamu,
anaasɛ akoa bedi mmapɔmma so!
 
11 Onipa nyansa ma no ntoboase;
ɛyɛ anuonyam ma obi sɛ obebu nʼani gu mfomso bi so.
 
12 Ɔhene abufuw te sɛ gyata mmubomu,
na nʼadom te sɛ sare so bosu.
 
13 Ɔba kwasea yɛ nʼagya ɔsɛe,
ɔyere tɔkwapɛfo te sɛ ɔdan a ne nwini to ntwa da.
 
14 Afi ne ahonyade yɛ agyapade a efi awofo,
na ɔyere nimdefo fi Awurade.
 
15 Akwadworɔ de nnahɔɔ ba,
na ɔkɔm de ɔkwadwofo.
 
16 Nea odi nkyerɛkyerɛ so no bɔ ne nkwa ho ban,
na nea ogyaagyaa ne ho no bewu.
 
17 Nea ɔyɛ adɔe ma ohiani no yɛ de fɛm Awurade,
na obetua no nea ɔyɛ no so ka.
 
18 Teɛ wo ba, na ɛno mu na anidaso wɔ,
na nyɛ wɔn a wɔde no kɔ owu mu no mu baako.
 
19 Ɛsɛ sɛ onipa a ne koma haw no no nya so asotwe;
sɛ woka ma no a, wobɛyɛ bio.
 
20 Tie afotu na gye nkyerɛkyerɛ to mu,
na awiei no, wubehu nyansa.
 
21 Nhyehyɛe bebree wɔ onipa koma mu,
nanso nea Awurade pɛ no na ɛba mu.
22 Nea onipa pɛ ne nokware dɔ;
eye sɛ wobɛyɛ ohiani sen sɛ wobɛyɛ ɔtorofo.
 
23  Awurade suro kɔ nkwa mu;
na onipa de abotɔyam home a ɔhaw bi nni mu.
 
24 Ɔkwadwofo de ne nsa si aduan mu,
na ɛyɛ no anihaw sɛ obeyi akɔ nʼano.
 
25 Twa ɔfɛwdifo mmaa, na atetekwaa bɛfa adwene;
ka nea ɔwɔ nhumu anim, na obenya nimdeɛ.
 
26 Nea ɔbɔ nʼagya korɔn na ɔpam ne na no
yɛ ɔba a ɔde aniwu ne animguase ba.
 
27 Me ba, sɛ wugyae nkyerɛkyerɛ tie a,
wobɛman afi nimdeɛ nsɛm ho.
 
28 Adansekurumni di atɛntrenee ho fɛw;
na omumɔyɛfo ano mene bɔne.
 
29 Wɔasiesie asotwe ama fɛwdifo,
ne mmaabɔ ama nkwaseafo akyi.