18
Ɔhonamkani yɛ pɛsɛmenkominya;
na nea ɛmfa atɛntrenee mma no turuw ɔham.
 
Ɔkwasea nni nhumu ho anigye,
na mmom nea ɔpɛ ara ne sɛ ɔde nʼadwene bɛto gua.
 
Sɛ amumɔyɛsɛm ba a animtiaabu di so,
na aniwu nso di animguase akyi.
 
Onipa anom nsɛm yɛ nsu a emu dɔ,
na nyansa asuti yɛ asuwa a ɛrefi ahuru.
 
Enye sɛ wodi ma omumɔyɛfo
anaasɛ wobu nea odi bem ntɛnkyew.
 
Nkwaseafo ano de akasakasa ba,
na wɔn ano frɛfrɛ ɔhwe.
 
Nkwaseafo ano yɛ wɔn ara wɔn sɛe,
na wɔn anofafa yɛ wɔn ara wɔn kra afiri.
 
Osekuni ano asɛm te sɛ aduan a ɛyɛ dɛ;
ɛhyɛnhyɛn onipa akwaa mu nyinaa.
 
Nea ɔtoto nʼadwuma ase no
yɛ ɔsɛefo nuabarima.
 
10  Awurade din yɛ abantenten a ɛyɛ den;
ahotefo guan kɔtoa na wonya bammɔ.
 
11 Adefo ahonyade ne wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban
wɔfa no sɛ ɔfasu tenten a wontumi mforo.
 
12 Ansa na onipa bɛhwe ase no onya ahomaso koma,
na ahobrɛase di anuonyam anim.
 
13 Nea ontie asɛm ansa na wama mmuae no,
ɛno ne ne gyimi ne nʼanimguase.
 
14 Onipa honhom na ɛhyɛ no den wɔ ɔyare mu
na honhom a abotow de, hena na ɔpɛ?
 
15 Nhumu koma nya nimdeɛ;
na anyansafo aso nso hwehwɛ.
 
16 Akyɛde bue kwan ma nea ɔde ma
na ɛde no ba atitiriw anim.
 
17 Ɛyɛ nea ɔbɔ ne nkuro kan no sɛ nʼasɛm yɛ dɛ,
kosi sɛ ɔfoforo bɛba abebisa no nsɛm no mu.
 
18 Ntontobɔ twa akyinnyegye so,
na ɛpata atamfo.
 
19 Onua a wɔafom no no asɛm yɛ den sen kuropɔn a ɛwɔ bammɔ,
akyinnyegye te sɛ abankɛse apon a wɔabram akyi.
 
20 Onipa anom asɛm so aba ma ɔyafunu mee,
nnɔbae a nʼanofafa twa no mee no.
 
21 Tɛkrɛma kura nkwa ne owu tumi,
na wɔn a wɔdɔ no no bedi nʼaba.
 
22 Nea wanya yere no anya ade pa
na onya adom fi Awurade hɔ.
 
23 Ohiani srɛ ahummɔbɔ,
nanso ɔdefo de kasaden bua no.
 
24 Ɔbarima a ne nnamfonom dɔɔso betumi ahwe ase,
nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔbɛfam ne ho asen onua.