17
Aduan sakoo a asomdwoe wɔ ho
ye sen ofi a aponto ahyɛ no ma nanso basabasayɛ wɔ mu.
 
Ɔsomfo nyansafo bedi ɔba nimguasefo so,
na obenya ne kyɛfa wɔ agyapade no mu sɛ anuanom no mu baako.
 
Kyɛmfɛre wɔ hɔ ma dwetɛ na fononoo wɔ hɔ ma sikakɔkɔɔ
nanso Awurade na ɔsɔ koma hwɛ.
 
Omumɔyɛfo tie nsusuwii bɔne;
ɔtorofo yɛ aso ma adwene bɔne tɛkrɛma.
 
Nea odi ahiafo ho fɛw no bu wɔn Yɛfo animtiaa;
na nea ɔfoa amanehunu so no benya asotwe.
 
Nananom yɛ mmasiriwa anuonyam,
na awofo yɛ wɔn mma ahohoahoa.
 
Anotew nye mma ɔkwasea,
saa ara na ano a edi atoro mfata ɔhene.
 
Nea ɔma adanmude no hu sɛ ɛyɛ suman;
osusuw sɛ nkonimdi bɛba bere biara.
 
Nea obu nʼani gu mfomso so no ma ɔdɔ kwan,
na nea ɔkɔ so bɔ so no tetew nnamfonom ntam.
 
10 Animka sɔ onipa a ɔwɔ nhumu ani
sen mmaa ɔha a wɔbɔ ɔkwasea.
 
11 Onipa bɔnefo ani wɔ atuatew nko ara so
na wɔbɛsoma odwumayɛni tirimuɔdenfo akɔ no so.
 
12 Eye sɛ wubehyia sisi a wɔawia ne mma
sen ɔkwasea a ɔregyimi.
 
13 Sɛ obi de bɔne tua papa so ka a,
bɔne rempa ne fi da.
 
14 Ntɔkwaw mfiase te sɛ nea wɔretue suka;
enti gyae ma ɛnka na ankɔfa ɔham amma.
 
15 Sɛ wobegyaa nea odi fɔ ne sɛ wobebu nea odi bem kumfɔ no,
Awurade kyi nʼabien no nyinaa.
 
16 Sika a ɛwɔ ɔkwasea nsam so nni mfaso,
efisɛ onni botae biara sɛ obehu nyansa.
 
17 Adamfo kyerɛ ɔdɔ bere nyinaa mu,
wɔwo onuabarima ma ahokyere bere.
 
18 Obi a onni adwene no na ɔde ne nsa hyɛ krataa ase di akagyinamu
nam so de si awowa ma ne yɔnko.
 
19 Nea ɔpɛ ntɔkwaw no dɔ bɔne;
nea osi ɔpon tenten no frɛfrɛ ɔsɛe.
 
20 Onipa a ɔwɔ porɔwee koma no nnya nkɔso;
nea ɔwɔ nnaadaa tɛkrɛma no tɔ amane mu.
 
21 Nea ɔwo ɔbakwasea no di awerɛhow,
ɔbakwasea agya nni anigye.
 
22 Koma mu anigye yɛ aduru, ɛsa ɔyare,
nanso honhom a abotow no yoyow nnompe.
 
23 Omumɔyɛfo gye adanmude wɔ sum ase
de kyea atɛntrenee.
 
24 Onipa a ɔwɔ nhumu no ani kɔ nyansa so,
na ɔkwasea toto nʼani kosi asase ano.
 
25 Ɔbakwasea hyɛ nʼagya awerɛhow,
na ɔma nea onyinsɛn no no di yaw.
 
26 Enye sɛ wɔtwe nea odi bem aso,
anaasɛ wotwa adwumayɛfo mmaa wɔ wɔn nokwaredi nti.
 
27 Onimdefo dwene nʼanom kasa ho,
na nea ɔwɔ nhumu no wɔ abodwo.
 
28 Mpo sɛ ɔkwasea yɛ dinn a wobu no sɛ onyansafo,
na sɛ omua nʼano a wobu no sɛ ɔwɔ nhumu.