16
Koma mu nhyehyɛe yɛ onipa de,
na tɛkrɛma mmuae fi Awurade.
 
Ɛyɛ onipa sɛ nʼakwan nyinaa yɛ kronkron,
nanso Awurade na ɔpɛɛpɛɛ adwene mu.
 
Fa nea woyɛ nyinaa hyɛ Awurade nsam,
na wo nhyehyɛe besi yiye.
 
Awurade yɛ biribiara ma nʼankasa botae,
mpo, ɔhwɛ omumɔyɛfo so kosi amanehunu da.
 
Awurade kyi koma mu ahantanfo nyinaa.
Nya saa ntease yi sɛ, wɔremfa wɔn ho nni.
 
Wɔnam ɔdɔ ne nokware so pata bɔne;
onipa nam Awurade suro so yi bɔne akwa.
 
Sɛ onipa akwan sɔ Awurade ani a,
ɔma nʼatamfo mpo ne no tena asomdwoe mu.
 
Kakraa bi a wɔnam trenee kwan so nya no ye
sen mfaso pii a wɔnam ntɛnkyew so nya.
 
Onipa yɛ ne nhyehyɛe wɔ ne koma mu,
nanso Awurade na ɔhwɛ nʼanammɔntu.
 
10 Ɔhene anom kasa te sɛ nkɔmhyɛ,
enti ɛnsɛ sɛ nʼano ka nea ɛnyɛ atɛntrenee.
 
11 Nsania ne abrammo a asisi nni mu fi Awurade;
nkaribo a ɛwɔ kotoku mu no, ɔno na ɔyɛe.
 
12 Ahemfo kyi bɔneyɛ,
efisɛ ahengua si trenee so.
 
13 Ahemfo ani sɔ ano a ɛka nokware;
na wobu onipa a ɔka nokware.
 
14 Ɔhene abufuwhyew yɛ owu somafo,
nanso onyansafo bedwudwo ano.
 
15 Sɛ ɔhene anim tew a, ɛyɛ nkwa,
nʼadom te sɛ asusowbere mu omununkum.
 
16 Eye sɛ wubenya nyansa sen sɛ wubenya sikakɔkɔɔ,
sɛ wubenya nhumu sen sɛ wubenya dwetɛ!
 
17 Ɔtreneeni tempɔn kwati bɔne;
nea ɔhwɛ nʼakwan yiye no bɔ ne nkwa ho ban.
 
18 Ahantan di ɔsɛe anim,
na ahomaso honhom nso di asehwe anim.
 
19 Eye sɛ wobɛyɛ honhom mu hiani wɔ wɔn a wɔhyɛ wɔn so mu
sen sɛ wo ne ahantanfo bɛkyɛ asade.
 
20 Nea ɔyɛ osetie ma nkyerɛkyerɛ no nya nkɔso;
nhyira nka nea ɔde ne ho to Awurade so.
 
21 Wɔfrɛ koma mu anyansafo se nhumufo,
na kasa pa ma nkyerɛkyerɛ kɔ so.
 
22 Ntease yɛ nkwa asuti ma wɔn a wɔwɔ bi,
nanso agyimisɛm de asotwe brɛ nkwaseafo.
 
23 Onyansafo koma kyerɛ nʼano kwan,
na nʼanofafa ma nkyerɛkyerɛ kɔ so.
 
24 Abodwosɛm te sɛ ɛwokyɛm;
ɛyɛ ɔkra dɛ, na ɛsa nnompe yare.
 
25 Ɔkwan bi wɔ hɔ a ɛteɛ wɔ onipa ani so,
nanso awiei no, ɛkɔ owu mu.
 
26 Apaafo akɔnnɔ ma wɔyɛ adwumaden;
efisɛ wɔpɛ sɛ wokum wɔn kɔm.
 
27 Ohuhuni bɔ pɔw bɔne,
ne kasa te sɛ ogya a ɛhyew ade.
 
28 Onipa kɔntɔnkye de mpaapaemu ba,
na ɔsututufo tetew nnamfonom ntam.
 
29 Kitikitiyɛni daadaa ne yɔnko,
na ɔde no fa ɔkwammɔne so.
 
30 Nea obu nʼani no redwene bɔneyɛ ho;
na nea omua nʼano no ani wɔ bɔne so.
 
31 Dwen yɛ anuonyam abotiri;
trenee mu asetena na ɛde ba.
 
32 Nea ɔwɔ abodwokyɛre no ye sen ɔkofo,
na nea ɔmfa abufuw ye sen nea ɔko fa kuropɔn.
 
33 Wɔbɔ ntonto de hwehwɛ nea Awurade pɛ,
nanso ne gyinaesi biara fi Awurade.