12
Obiara a ɔpɛ ahohyɛso no pɛ nimdeɛ,
na nea okyi nteɛso no yɛ ogyimifo.
 
Nnipa pa nya Awurade nkyɛn adom,
na Awurade bu amumɔyɛfo fɔ.
 
Amumɔyɛsɛm rentumi mma onipa ase ntim,
na wɔrentumi ntu ɔtreneeni ase.
 
Ɔyere a ɔwɔ suban pa yɛ ne kunu ahenkyɛw,
nanso ɔyere nimguasefo te sɛ porɔwee wɔ ne kunu nnompe mu.
 
Atreneefo nhyehyɛe yɛ pɛ,
na amumɔyɛfo afotu yɛ nnaadaa.
 
Amumɔyɛfo nsɛm da hɔ twɛn mogya,
na ɔtreneeni kasa yi wɔn fi mu.
 
Wotu amumɔyɛfo gu na wɔyera,
nanso atreneefo fi gyina pintinn.
 
Wɔkamfo onipa sɛnea ne nyansa te
na nnipa a wɔn adwene yɛ kɔntɔnkye de, wobu wɔn animtiaa.
 
Eye sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ ɔteta nanso wowɔ ɔsomfo,
sen sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ obi, nanso wunni aduan.
 
10 Ɔtreneeni ma ne nyɛmmoa nea wɔpɛ,
na amumɔyɛfo nneyɛe a eye pa ara yɛ atirimɔden.
 
11 Nea ɔyɛ nʼasase so adwuma no benya aduan bebree,
na nea odi nsɛm huhuw akyi no nni adwene.
 
12 Amumɔyɛfo pɛ abɔnefo asade,
nanso ɔtreneeni ase dɔ.
 
13 Ɔbɔnefo anosɛm yi no sɛ afiri,
nanso ɔtreneeni nya ne ho tetew wɔ ahohia mu.
 
14 Nneɛma pa fi onipa anom aba mu hyɛ no ma
sɛnea ne nsa ano adwuma ma no akatua no.
 
15 Ɔkwasea akwan teɛ nʼani so,
na onyansafo tie afotu.
 
16 Nkwaseafo bo nkyɛ fuw,
nanso mmadwemma bu wɔn ani gu animka so.
 
17 Ɔdanseni nokwafo di adanse turodoo,
na nea odi adansekurum no twa nkontompo.
 
18 Nsɛm hunu keka wowɔ te sɛ afoa
nanso onyansafo tɛkrɛma ma abodwo.
 
19 Ano a ɛka nokware no tim hɔ daa,
na atoro tɛkrɛma renkyɛ koraa.
 
20 Nnaadaa hyɛ wɔn a wodwen bɔne ho no koma mu,
na wɔn a wɔpɛ asomdwoe nya ahosɛpɛw.
 
21 Ɔhaw biara rento ɔtreneeni,
nanso amanehunu mee amumɔyɛfo.
 
22  Awurade kyi ano a etwa atoro,
na nʼani gye nnipa a wodi nokware ho.
 
23 Ɔtreneeni mmɔ ne nimdeɛ ho dawuru
nanso ɔkwasea koma da agyimisɛm adi.
 
24 Nsa a ɛyɛ adwuma no bedi tumi,
nanso akwadworɔ wie nkoasom mu.
 
25 Koma a ɛpere ade ho ma onipa botow,
nanso nkuranhyɛsɛm bi hyɛ no den.
 
26 Ɔtreneeni wɔ ntoboase wɔ ayɔnkofa mu,
nanso amumɔyɛfo kwan ma wɔfom.
 
27 Onihawfo ntoto ne hanam,
nanso nsiyɛfo ahonyade som bo ma wɔn.
 
28 Trenee kwan mu wɔ nkwa;
na owu nni saa kwan no so.