13
Ɔba nyansafo tie nʼagya nkyerɛkyerɛ;
na ɔfɛwdifo ntie animka.
 
Nneɛma pa a efi onipa anom no ma no anigye,
na wɔn a wonni nokware no kɔn dɔ kitikitiyɛ.
 
Nea ɔkora nʼano no kora ne nkwa so,
nanso nea ɔkasa a onsusuw ho no bɛba ɔsɛe mu.
 
Onihawfo pere hwehwɛ nanso onya hwee,
na nea ɔyɛ adwuma no nya nea ɔpɛ biara.
 
Atreneefo kyi nea ɛnyɛ nokware,
nanso amumɔyɛfo de aniwu ne ahohora ba.
 
Trenee bɔ ɔnokwafo ho ban,
na amumɔyɛsɛm tu ɔbɔnefo gu.
 
Obi yɛ ne ho sɛ ɔdefo, a nso onni hwee,
ɔfoforo yɛ ne ho sɛ ohiani, nso ɔwɔ ahonya bebree.
 
Obi ahonya betumi agye no nkwa,
nanso ohiani nte ahunahuna biara.
 
Atreneefo kanea hyerɛn pa ara,
nanso wodum amumɔyɛfo kanea.
 
10 Ahantan de ntɔkwaw nko ara na ɛba,
na wohu nyansa wɔ wɔn a wotie afotu mu.
 
11 Ahonya a ɛnam ɔkwammɔne so no hwere ntɛm so,
na nea ɔboa sika ano nkakrankakra no ma ɛdɔɔso.
 
12 Anidaso a wotu hyɛ da no bɔ koma ɔyare,
nanso anigyinade a nsa aka no yɛ nkwadua.
 
13 Nea otwiri akwankyerɛ no betua so ka,
nanso wɔma nea ɔde obu ma mmara no akatua.
 
14 Onyansafo nkyerɛkyerɛ te sɛ nkwa asuti,
eyi onipa fi owu afiri mu.
 
15 Nhumu pa de adom ba,
nanso atorofo akwan so yɛ den.
 
16 Ɔbadwemma biara yɛ nʼade wɔ nimdeɛ mu,
nanso ɔkwasea da nʼagyimisɛm adi.
 
17 Ɔsomafo mumɔyɛfo tɔ amane mu,
nanso ɔnanmusini nokwafo de abodwo ba.
 
18 Nea ɔpo nteɛso no kɔ ohia ne animguase mu,
na wɔhyɛ nea otie nteɛso no anuonyam.
 
19 Akɔnnɔde a nsa aka ma ɔkra ani gye,
nanso nkwaseafo kyi sɛ wɔtwe wɔn ho fi bɔne ho.
 
20 Nea ɔne onyansafo nantew no hu nyansa,
na nea ɔne nkwaseafo bɔ no hu amane.
 
21 Ɔhaw di ɔbɔnefo akyi,
na nkɔso yɛ ɔtreneeni akatua.
 
22 Onipa pa de agyapade gyaw ne nenanom,
na wɔkora ɔbɔnefo ahonyade so ma ɔtreneeni.
 
23 Ohiani afum nnɔbae tumi ba pii,
nanso ntɛnkyew pra kɔ.
 
24 Nea ɔkyɛe nʼabaa so no tan ne ba,
na nea ɔdɔ no no hwɛ sɛ ɔbɛteɛ no.
25 Atreneefo didi ma wɔn koma mee,
nanso ɔkɔm de amumɔyɛfo.