11
Awurade kyi asisi nsania,
na nʼani gye nokware nkaribo ho.
 
Ahantan ba a, animguase na edi so,
nanso ahobrɛase de nyansa ba.
 
Teefo nokwaredi kyerɛ wɔn kwan;
nanso nkontompofo ano ntanta sɛe wɔn.
 
Ahonya nka hwee wɔ abufuwhyew da no,
nanso trenee gye nkwa fi owu mu.
 
Wɔn a wonni bɔne no trenee bɔ kwan tee ma wɔn,
nanso amumɔyɛfo amumɔyɛsɛm brɛ wɔn ase.
 
Pɛyɛfo treneeyɛ gye wɔn,
nanso akɔnnɔ bɔne afiri yi nkontompofo.
 
Sɛ omumɔyɛfo wu a, nʼanidaso yera;
nea osusuw sɛ obenya afi ne tumi mu nyinaa no yɛ ɔkwa.
 
Wogye ɔtreneeni fi amane mu,
na ɛba omumɔyɛfo so mmom.
 
Nea onsuro Onyame de nʼano sɛe ne yɔnko,
nanso ɔtreneeni nam nimdeɛ so fi mu.
 
10 Sɛ atreneefo di yiye a, kuropɔn no di ahurusi;
nanso amumɔyɛfo wu a, wɔbɔ ose.
 
11 Pɛyɛfo nhyira ma kuropɔn no kɔ so,
nanso amumɔyɛfo ano ma ɛbɔ.
 
12 Onipa a onni adwene no bu ne yɔnko animtiaa,
nanso nea ɔwɔ nhumu no to ne tɛkrɛma nnareka.
 
13 Nsekudi sɛe ahotoso,
nanso nea wɔwɔ ne mu ahotoso no kora ahintasɛm.
 
14 Ɔman a enni akwankyerɛ no bɔ,
nanso afotufo dodow ma nkonimdi ba.
15 Nea odi akagyinamu ma ɔfoforo no behu amane,
na nea ɔmmfa ne nsa nhyɛ awowasi ase no aso mu dwo no.
 
16 Ɔbea a ne yam ye no, wɔde obu ma no,
nanso mmarima atirimɔdenfo nya ahode nkutoo.
 
17 Ɔyamyefo ye ma ne ho,
na otirimɔdenfo de ɔhaw ba nʼankasa so.
 
18 Omumɔyɛfo nya akatua a ennyina,
nanso nea ogu trenee aba no twa aba a edi mu.
 
19 Nea ɔyɛ nokware treneeni no nya nkwa,
nanso nea ɔkɔ so yɛ bɔne no kɔ owu mu.
 
20  Awurade kyi nnipa a wɔn koma akyea,
na nʼani gye wɔn a wɔn akwan ho nni asɛm no ho.
 
21 Gye to mu sɛ, amumɔyɛfo benya wɔn akatua,
na atreneefo benya wɔn ti adidi mu.
 
22 Ɔbea hoɔfɛfo a ontumi nsi gyinae no
te sɛ sika kaa a ɛhyɛ prako hwene mu.
 
23 Atreneefo apɛde wie yiye,
nanso amumɔyɛfo anidaso wie abufuwhyew.
 
24 Obi yɛ adɔe, na onya ne ho bebree;
obi nso yɛ pɛpɛe, nanso ehia no.
 
25 Ɔyamyefo bɛkɔ so anya ne ho;
na nea ɔma ebinom mee no nso bɛmee.
 
26 Nnipa dome nea ɔde atoko sie,
na nhyira ba nea ɔtɔn ne de so.
 
27 Nea ɔhwehwɛ papa akyi kwan no nya anisɔ,
na nea ɔhwehwɛ bɔne no, bɔne ba ne so.
 
28 Nea ɔde ne ho to nʼahonyade so no bɛhwe ase,
na ɔtreneeni bɛyɛ frɔmfrɔm sɛ ahabammono.
 
29 Nea ɔde ɔhaw bɛto nʼabusua so no bedi mframa ade,
na ɔkwasea bɛyɛ onyansafo somfo.
 
30 Ɔtreneeni aba yɛ nkwadua,
na nea ogye akra no yɛ onyansafo.
 
31 Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɛyɛ den sɛ wobegye onipa pa nkwa;
na wɔn a wonnye asɛm no nni ne nnebɔneyɛfo no de, dɛn na ɛbɛba wɔn so?”