10
Salomo Mmebusɛm
Salomo mmebusɛm:
Ɔba nyansafo ma nʼagya ani gye,
na ɔba kwasea brɛ ne na awerɛhow.
 
Ɔkwan bɔne so ahonya nni bo,
nanso trenee gye onipa fi owu mu.
 
Awurade remma ɔkɔm nne ɔtreneeni
na omumɔyɛfo de, ɔka nʼadepa gu.
 
Nsa a ɛnyɛ adwuma ma onipa di hia,
nanso nsiyɛfo nsa de ahonya ba.
 
Nea ɔboaboa nnɔbae ano wɔ ahuhurubere no yɛ ɔba nyansafo
na nea ɔda wɔ twabere mu no yɛ ɔba nimguaseni.
 
Atreneefo hyɛ nhyira kyɛw
na akakabensɛm ayɛ omumɔyɛfo anom ma.
 
Ɔtreneeni nkae yɛ nhyira,
na omumɔyɛfo din bɛporɔw.
 
Koma mu nyansafo tie ɔhyɛ nsɛm,
na ɔkwasea kasafo hwe ase.
 
Ɔnokwafo nantew dwoodwoo,
na nea ɔfa akwan kɔntɔnkye so no ho bɛda adi.
 
10 Nea ɔde nitan bu nʼani no de ɔhaw ba,
na ɔkwasea kasafo hwe ase.
 
11 Ɔtreneeni anom yɛ nkwa asuti,
na akakabensɛm ayɛ omumɔyɛfo anom ma.
 
12 Ɔtan kanyan mpaapaemu,
nanso ɔdɔ kata mfomso nyinaa so.
 
13 Wohu nyansa wɔ nhumufo anom,
na abaa fata nea onni adwene akyi.
 
14 Anyansafo kora nimdeɛ,
nanso ɔkwasea ano frɛfrɛ ɔsɛe.
 
15 Adefo ahonya yɛ wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban,
nanso ahiafo hia yɛ wɔn asehwe.
 
16 Atreneefo akatua de nkwa brɛ wɔn,
na nea amumɔyɛfo nya no de asotwe brɛ wɔn.
 
17 Nea otie ntetew pa no kyerɛ nkwa kwan,
na nea ɔpo nteɛso no di afoforo anim yera kwan.
 
18 Nea ɔkata nitan so no yɛ ɔtorofo,
na nea odi nseku no yɛ ɔkwasea.
 
19 Mfomso mpa ɔkasa bebree mu,
na nea ɔkora ne tɛkrɛma no yɛ onyansafo.
 
20 Ɔtreneeni tɛkrɛma yɛ dwetɛ ankasa
nanso omumɔyɛfo koma nni bo.
 
21 Atreneefo ano ma bebree aduan,
na atemmu a nkwaseafo nni nti wowuwu.
 
22  Awurade nhyira de ahonya ba,
na ɔmfa ɔbrɛ mmata ne nya ho.
 
23 Bɔneyɛ yɛ anigyede ma ɔkwasea,
nanso nea ɔwɔ nimdeɛ anigye wɔ nyansa mu.
 
24 Nea amumɔyɛfo suro no bɛba wɔn so;
na nea atreneefo pɛ no, wɔde bɛma wɔn.
 
25 Sɛ ahum no betwa mu a, amumɔyɛfo yera,
nanso atreneefo gyina hɔ pintinn afebɔɔ.
 
26 Sɛnea nsa keka ɛse, na wusiw kɔ aniwa no,
saa ara na ɔkwadwofo yɛ ma wɔn a wɔsoma no.
 
27  Awurade suro ma nkwa tenten,
nanso wotwa amumɔyɛfo nkwa so.
 
28 Atreneefo anidaso de ahotɔ ba,
nanso amumɔyɛfo anidaso nkosi hwee.
 
29  Awurade kwan yɛ guankɔbea ma ɔtreneeni,
nanso ɛyɛ ɔsɛe ma wɔn a wɔyɛ bɔne.
 
30 Wɔrentɔre atreneefo ase da,
nanso amumɔyɛfo renka asase no so.
 
31 Nyansa fi ɔtreneeni anom ba
nanso tɛkrɛma a ɛdaadaa no, wobetwa akyene.
 
32 Ɔtreneeni ano nim ade a ɛfata
na omumɔyɛfo ano nim nea ɛyɛ nnaadaasɛm nko ara.