46
Nsɛm A Ɛfa Misraim Ho
Eyi ne asɛm a efi Awurade nkyɛn baa odiyifo Yeremia hɔ a ɛfa aman no ho.
 
Nea ɛfa Misraim ho:
 
Eyi ne nsɛm a etia Misraimhene Farao Neko asraafo a Babiloniahene Nebukadnessar dii wɔn so nkonim wɔ Karkemis, Asubɔnten Eufrate ho wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedi afe a ɛto so anan no:
“Siesie wo nkatabo akɛse ne nketewa nyinaa,
na muntu santen nkɔ ɔsa!
Munsiesie apɔnkɔ no,
na momforo ntenatena wɔn so.
Munnyinagyina mo afa
a mohyehyɛ mo nnade kyɛw!
Monsew mo mpeaw ano,
na monhyɛ mo nkatabo.
Dɛn na mihu?
Wɔabɔ hu,
wɔresan wɔn akyi,
wɔn dɔmmarima adi nkogu.
Woguan ntɛm so
a wɔnhwɛ wɔn akyi,
na ehu wɔ baabiara,”
Awurade na ose.
Ɔhoɔharefo ntumi nguan,
na ɔhoɔdenfo nso saa ara.
Atifi fam wɔ Asubɔnten Eufrate ho
wohintihintiw na wɔhwehwe ase.
 
“Hena, na ɔma ne homene so sɛ Asubɔnten Nil,
sɛ nsubɔnten a mu nsu woro yi?
Misraim ma ne homene so sɛ Nil,
sɛ nsubɔnten a mu nsu woro.
Ɔka se, ‘Mɛsɔre akata asase no so;
mɛsɛe nkuropɔn ne mu nnipa.’
Monkɔ mo anim, apɔnkɔ!
Monka wɔn anibere so, mo nteaseɛnamkafo!
Muntu nteɛ, dɔmmarima,
Kus ne Put mmarima a mukura nkatabo,
Lidia mmarima a motow agyan.
10 Nanso da no yɛ Awurade, Asafo Awurade dea,
aweretɔda, nʼatamfo so aweretɔ.
Afoa bekunkum akosi sɛ ɔbɛmee,
akosi bere a ɔde mogya bedwudwo ne osukɔm ano.
Efisɛ, Awurade, Asafo Awurade bɛbɔ afɔre
wɔ atifi fam asase a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate ho no so.
 
11 “Foro kɔ Gilead kogye aduru
Misraim Babea Ɔbabun.
Nanso nnuru bebrebe a wofa no yɛ ɔkwa,
ayaresa biara nni hɔ ma wo.
12 Amanaman no bɛte wʼanimguase;
wʼagyaadwo bɛhyɛ asase so ma.
Ɔkofo baako behintiw afa ɔfoforo so;
na wɔn baanu bɛbɔ mu ahwe ase.”
13 Eyi ne asɛm a Awurade ka kyerɛɛ odiyifo Yeremia a ɛfa Babiloniahene Nebukadnessar ba a ɔbɛba abɛtow ahyɛ Misraim so:
14 “Mommɔ eyi ho dawuru wɔ Misraim, na mompae mu nka wɔ Migdol;
monka wɔ Memfis ne Tapanhes nso se,
‘Munnyinagyina na monyɛ krado,
efisɛ, afoa rekunkum wɔn a wɔatwa mo ho ahyia.’
15 Adɛn nti na mo dɔmmarima bɛbotow sɛɛ?
Wɔrentumi nnyina, efisɛ, Awurade bɛbɔ wɔn ahwe fam.
16 Wobehintihintiw atoatoa so;
wɔbɛhwehwe ase adeda wɔn ho wɔn ho so.
Wɔbɛka se, ‘Monsɔre, momma yɛnkɔ yɛn nkyi
nkɔ yɛn nkurɔfo nkyɛn ne faako a wɔwoo yɛn,
na yemfi nhyɛsofo no afoa ano.’
17 Ɛhɔ na wɔbɛteɛ mu se,
‘Misraimhene Farao tu ne ho kwa;
nʼakwannya a ɔwɔ no atwa mu.’
 
18 “Ampa ara sɛ mete ase yi” Ɔhene a
ne din ne Asafo Awurade na ose,
“Ɔbaako bɛba a ɔte sɛ Tabor wɔ mmepɔw no mu,
sɛ Karmel wɔ mpoano.
19 Mommoaboa mo nneɛma ano ntwɛn nnommumfa,
mo a motete Misraim,
efisɛ wɔbɛsɛe Memfis kurow
na ɛbɛda mpan a obiara rentena mu.
 
20 “Misraim yɛ nantwi ba bere a ne ho yɛ fɛ,
nanso ɔtɛn bi fi
atifi fam reba ne so.
21 Asraafo apaafo a wɔwɔ wɔn mu no
te sɛ nantwimma a wɔadodɔ srade.
Wɔn nso bɛdan wɔn ho abɔ mu aguan,
wɔrentumi nnyina wɔn anan so,
efisɛ amanehunu da no reba wɔn so,
bere a wɔde bɛtwe wɔn aso no.
22 Misraim bɛteɛ mu sɛ ɔwɔ a ɔreguan
bere a ɔtamfo de ahoɔden reba ne so no;
wɔde mmonnua bɛba ne so
te sɛ, mmarima a wobu nnua.
23 Wɔbɛsɛe ne kwae,”
Awurade na ose,
“sɛnea ayɛ kusuu yi mpo.
Wɔdɔɔso bebree sen mmoadabi,
na wɔrentumi nkan wɔn.
24 Wobegu Misraim Babea anim ase,
wɔde no bɛhyɛ atifi fam nnipa no nsa.”
25 Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, ka se, “Mede asotwe reba Tebes nyame Amon, Farao, Misraim ne nʼanyame ne nʼahemfo ne wɔn a wɔde wɔn ho to Farao so no so. 26 Mede wɔn bɛhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wokum wɔn no, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼadwumayɛfo no nsa. Nanso akyiri no, nnipa bɛtena Misraim asase so te sɛ kan no,” Awurade na ose.
27 “Nsuro, Yakob me somfo;
nni yaw, Israel.
Ampa ara megye wo afi beae a ɛwɔ akyirikyiri,
ne wʼasefo afi wɔn nnommumfa asase so
Yakob bɛsan anya asomdwoe ne bammɔ,
na obiara renhunahuna no.
28 Nsuro, Yakob me somfo;
na me ne wo wɔ hɔ,” Awurade na ose.
“Ɛwɔ mu, mesɛe aman no nyinaa koraa
aman a mehwetee mo kɔɔ so no de,
nanso merensɛe mo korakora.
Mede trenee nko ara na ɛbɛteɛteɛ mo so;
meremma mommfa mo ho nni a merentwe mo aso.”