47
Nsɛm A Ɛfa Filistifo Ho
Ansa na Farao bɛtow ahyɛ Gasa so no, eyi ne Awurade asɛm a ɛfa Filistifo ho a ɛbaa odiyifo Yeremia nkyɛn:
 
Sɛɛ na Awurade se:
“Monhwɛ sɛnea nsu rebobɔ ba wɔ atifi fam;
ɛbɛyɛ ɔhweam a abu afa so.
Ebebu afa asase no ne biribiara ɛwɔ so no so,
nkurow no ne nnipa a wɔtete mu.
Nnipa no bɛteɛteɛ mu;
wɔn a wɔte asase no so nyinaa betwa adwo
bere a wɔate apɔnkɔ a wotu mmirika no anan ase nnyigyei,
na wɔate atamfo no nteaseɛnam gyegyeegye
ne wɔn ntwahonan nnyigyei no.
Agyanom rentwa wɔn ani nhwɛ wɔn mma;
wɔn nsa bɛsensɛn wɔn ho kwa.
Na da no aba
sɛ wɔsɛe Filistifo no nyinaa
na wotwa wɔn a wɔaka no nyinaa gu,
wɔn a anka wotumi boa Tiro ne Sidon no.
Awurade rebɛsɛe Filistifo no,
nkae a wofi Kreta mpoano no.
Gasa bɛbɔ tikwaw bere a ɔretwa adwo;
wɔbɛma Askelon atɔ mum.
Mo nkae a mowɔ tataw so,
mobɛbobɔ mo ho akam akosi da bɛn?
 
“ ‘Aa, Awurade afoa,’
‘da bɛn na wobɛhome?
San kɔhyɛ wo boha mu;
gyae na da komm.’
Na ɛbɛyɛ dɛn na ada komm
bere a Awurade ahyɛ no
bere a wahyɛ no se
ɔnkɔtow nhyɛ Askelon ne mpoano asase no so?”