45
Asɛm A Wɔde Ma Baruk
Eyi ne nsɛm a odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ Neria babarima Baruk wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedi afe a ɛto so anan no mu, bere a na Baruk akyerɛw nsɛm a efi Yeremia anom no agu nhoma mmobɔwee bi mu. “Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, ka kyerɛ wo, Baruk: Wokae se, ‘Nnome nka me! Awurade de awerɛhow aka me yawdi ho; apinisi ne ɔbrɛ ama mʼahoɔden asa.’ Awurade kae se, ‘Ka eyi kyerɛ no: Nea Awurade se ni: Mɛsɛe nea makyekyere na matu nea madua no ase wɔ asase no so nyinaa. Enti ɛsɛ sɛ wopɛ nneɛma akɛse ma wo ho ana? Nyɛ saa. Efisɛ mede amanehunu bɛba nnipa nyinaa so, Awurade na ose, nanso baabiara a wobɛkɔ no, mɛbɔ wo ho ban.’ ”