11
Lasaro Wu
Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Betania a na wɔfrɛ no Lasaro. Betania yi yɛ kurow a na Maria ne ne nua Marta fi mu. Da bi, saa ɔbarima yi yaree. Saa Maria yi a ne nuabarima ne Lasaro a na ɔyare no na ohwiee ngo guu Awurade nan ase de ne tinwi pepae no. Anuanom yi soma kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Awurade, wo dɔfo no yare.”
Yesu tee nkra no ɔkae se, “Ɛnyɛ saa ɔyare yi na ebekum Lasaro. Mmom Onyankopɔn pɛ sɛ ɔfa saa ɔyare yi so hyɛ ne ho anuonyam, na saa anuonyam yi bi nso ka Onipa Ba no.” Na Yesu pɛ Maria ne ne nuabea Marta ne Lasaro asɛm yiye. Bere a Yesu tee nkra sɛ Lasaro yare denneennen no wankɔ saa bere no ara mu; ɔtenaa hɔ nnaanu. Afei ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Momma yɛnsan nkɔ Yudea.”
Nanso asuafo no ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, ɛnkyɛe biara na Yudafo no pɛɛ sɛ wosiw wo abo na afei wuse yɛnsan nkɔ hɔ bio yi?”
Yesu kae se, “Nnɔnhwerew dumien na ɛwɔ da koro mu, meboa ana? Ɛno nti sɛ obi nam hann mu a ɔrenhintiw, efisɛ ɔnam wiase hann mu. 10  Nanso sɛ ɔnam anadwo sum mu a obehintiw, efisɛ ɔnam sum mu.”
11 Yesu san kae se, “Yɛn adamfo Lasaro ada na merekɔ akonyan no.”
12 Asuafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, sɛ wada de a ɛno de, na ne ho bɛtɔ no.” 13 Na Yesu kyerɛ sɛ Lasaro awu nanso asuafo no de, na wosusuw sɛ nna ara na wada.
14 Ɛno nti Yesu ka kyerɛɛ wɔn pefee se, “Lasaro awu; 15  nanso mo nti ɛyɛ me anigye sɛ na minni hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi. Momma yɛnkɔ ne nkyɛn.”
16 Toma a wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfo asuafo no se, “Momma yɛne Kyerɛkyerɛfo no nyinaa nkɔ na yɛne no nkowu.”
Lasaro Wu Ne Ne Sie
17 Yesu duu Betania no na Lasaro awu ama wɔasie no ma adi nnaanan. 18 Efi Betania rekɔ Yerusalem no nnu akwansin abien, 19 na saa bere no na Yudafo bebree aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wɔrebegyam wɔn wɔ wɔn nua no wu no ho. 20 Marta tee sɛ Yesu reba no, ofii adi kohyiaa no, na Maria de, ɔtenaa fie.
21 Marta ka kyerɛɛ Yesu se, “Ao, Awurade, sɛ wowɔ ha a anka me nua no anwu! 22 Minim mpo sɛ saa bere yi mu biribiara a wubebisa Onyankopɔn sɛ ɔnyɛ mma wo no ɔbɛyɛ.”
23 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Wo nua no bɛsan anya nkwa bio.”
24 Marta buaa no se, “Awurade, minim sɛ owusɔre da no ɔno nso bɛsɔre.”
25 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Me na minyan awufo ma wɔn nkwa. Obiara a ogye me di no sɛ wawu mpo a ɔbɛsan anya nkwa. 26  Na obiara a ɔte ase na ogye me di no renwu da. Wugye eyi di ana?”
27 Marta buae se, “Awurade, migye midi. Migye di sɛ wone Kristo Agyenkwa a ɔne Onyankopɔn Ba a ɔreba wiase no.”
Yesu Su Lasaro
28 Marta kaa saa asɛm yi wiee no, ɔkɔfrɛɛ ne nua Maria de no kɔɔ kokoa mu ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo no aba na wabisa wo ase.” 29 Maria tee saa asɛm yi no ɔyɛɛ ntɛm kohyiaa Yesu. 30 Saa bere no na Yesu mmeduu akuraa no ase hɔ ɛ. Na ɔda so wɔ faako a Marta hyiaa no hɔ no. 31 Bere a Yudafo a wɔne Maria wɔ fie hɔ regyam no no huu sɛ wasɔre mpofirim refi adi no wodii nʼakyi, efisɛ na wosusuw sɛ ɔrekɔ da no so akosu.
32 Maria duu faako a Yesu wɔ no, ɔkotow ne nan ase kae se, “Ao Awurade, sɛ wowɔ ha a anka me nua no anwu.”
33 Yesu huu sɛ Maria ne Yudafo a wɔka ne ho no resu no, ɛhaw no yiye na ne werɛ howee. 34 Obisaa wɔn se, “Ɛhe na musiee no?”
Wobuaa no se, “Awurade, bra na yɛnkɔkyerɛ wo.”
35 Yesu sui.
36 Yudafo no huu sɛ ɔresu no wɔkae se, “Eyi kyerɛ ɔdɔ a ɔde dɔ no.”
37 Wɔn mu bi kae se, “Onipa a ɔmaa onifuraefo huu ade no munnnye nni sɛ anka obetumi agye Lasaro nkwa ana?”
Yesu Nyan Lasaro Fi Awufo Mu
38 Asɛm a nkurɔfo no kaa no maa Yesu werɛ howee. Afei ɔkɔɔ ɔda a wɔde ɔbo ahini ano no so. 39 Yesu hyɛɛ wɔn se, “Munyi ɔbo a ehini ɔda no ano no.”
Marta a ɔyɛ owufo no nuabea no kae se, “Awurade, ɛbɛyɛ nnaanan ni a wosiee no nti saa bere yi de, ɔbɔn.”
40 Yesu ka kyerɛɛ Marta se, “Manka ankyerɛ wo se sɛ wugye di a wubehu Onyankopɔn anuonyam?”
41 Woyii ɔbo no fii ɔda no ano. Afei Yesu hwɛɛ ɔsoro, bɔɔ mpae se, “Agya, meda wo ase sɛ wutie me. 42  Minim sɛ wutie me daa nyinaa nanso esiane nnipa a wɔwɔ ha nti na mereka eyi sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye adi sɛ wo na wosomaa me.”
43 Ɔkaa eyi wiee no, ɔteɛɛ mu dennen se, “Lasaro, sɔre bra!” 44 Lasaro sɔre bae a ntama a wɔde kyekyeree ne nsa ne ne nan ne nʼanim no da so kyekyere no.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsan ne ho ntama no na ɔnkɔ.”
Yudafo Bɔ Yesu Ho Pɔw
45 Yudafo a wɔbɛsraa Maria na wohuu nea Yesu yɛe no mu bebree gyee no dii. 46 Na wɔn mu bi nso kɔɔ Farisifo no hɔ kɔkaa nea esii no nyinaa kyerɛɛ wɔn.
47 Enti Farisifo no ne asɔfo mpanyin no hyiaa baguafo no kae se, “Dɛn na yɛreyɛ? Monhwɛ anwonwade a saa onipa yi reyɛ! 48 Sɛ yɛma ɔkɔ so yɛ nea ɔreyɛ yi a, nnipa nyinaa begye no adi na wɔadi nʼakyi. Sɛ ɛba saa a Roma aban bebisa yɛn asɛm na wasɛe yɛn asɔredan ne ɔman mu yi nyinaa.”
49 Kaiafa a saa bere no na ɔyɛ ɔsɔfopanyin no kae se, “Mo de munnim hwee! 50 Munnim sɛ eye ma mo sɛ onipa baako bewu ama nnipa no nyinaa sen sɛ wɔbɛsɛe ɔman mu no nyinaa?”
51 Emfi ɔno ankasa ne tumi mu na ɔkaa saa asɛm yi, efisɛ esiane sɛ na ɔyɛ ɔsɔfopanyin saa bere no nti na ɔhyɛɛ nkɔm se, “Yesu bewu de agye mo nkwa,” 52 na ɛnyɛ wɔn nko, na mmom ɛnam eyi so bɛma Onyankopɔn mma a wɔabɔ ahwete no nyinaa ano aboa na wɔayɛ ɔman baako. 53 Efi saa bere no, Yudafo mpanyin no faa adwene sɛ wobekum Yesu.
54 Eyi nti Yesu anyi ne ho adi wɔ Yudea, na ofii hɔ kɔɔ sare so kurow bi a wɔfrɛ no Efraim ne nʼasuafo no kɔtenaa hɔ.
55 Na Yudafo Twam Afahyɛ no rebɛn nti nnipa pii fii wɔn nkuraa kɔɔ Yerusalem sɛ wɔrekodwira wɔn ho de atwɛn afahyɛ no. 56 Na wɔrehwehwɛ Yesu ahu no. Ɛno nti woduu asɔredan mu hɔ no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Mugye di sɛ Yesu bɛba afahyɛ yi bi ana?” Ebinom kae se, “Yennye nni.” 57 Saa bere yi na asɔfo mpanyin ne Farisifo no ahyɛ sɛ, sɛ obi nim faako a Yesu wɔ a, ɔnkyerɛ na wɔnkɔkyere no.