12
Wɔsra Yesu Ngo Wɔ Betania
Aka nnansia na Twam Afahyɛ no adu no, Yesu kɔɔ Betania, kurow a na Lasaro a Yesu nyan no fii awufo mu no te mu no mu. Wɔtoo Yesu pon. Marta na ɔsomee wɔ saa aponto yi ase. Lasaro tenaa Yesu nkyɛn pɛɛ wɔ ɔpon no ho. Wɔredidi no, Maria faa ngohuam bi a ne bo yɛ den behwie guu Yesu nan ase de ne tinwi pepae. Ngo no hua gyee fie hɔ nyinaa.
Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafo no mu baako a akyiri no obeyi Yesu ama no ani annye nea ɔbea yi yɛe no ho, enti ɔkae se, “Adɛn nti na woantɔn saa ngohuam yi na yɛamfa sika no amma ahiafo?” Ɛnyɛ sɛ na odwen ahiafo ho nti na ɔkaa saa asɛm yi, na mmom, na ɔyɛ ɔkorɔmfo, na esiane sɛ na ɔhwɛ asuafo no sika so nti, na owiawia bi.
Yesu kae se, “Munnyaa ɔbea yi haw! Nea ɔbea yi ayɛ yi, ɔde asiesie me ama me wu. Mo ne ahiafo na ɛwɔ hɔ bere biara, na me de, me ne mo rentena hɔ daa.”
Bere a Yudafo no tee sɛ Yesu wɔ Betania no, wɔn mu pii kɔɔ hɔ. Ɛnyɛ Yesu nko nti na wɔkɔɔ hɔ, na mmom, wɔkɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔhwɛ Lasaro a Yesu nyan no fii awufo mu no nso. 10 Afei, asɔfo mpanyin no bɔɔ pɔw sɛ wobekum Lasaro nso, 11 efisɛ esiane Lasaro wusɔre no nti, na nnipa bebree retwe wɔn ho afi Yudafo mpanyin no ho abedi Yesu akyi.
Yesu Hyɛn Yerusalem Sɛ Ɔhene
12 Ade kyee no, nnipadɔm a wɔaba Twam Afahyɛ no tee sɛ Yesu reba Yerusalem no, 13 wobubuu berɛw de kohyiaa no kwan de ahurusi teɛteɛɛ mu se,
“Hosiana!”
 
“Nhyira nka nea ɔreba wɔ Awurade din mu no!”
 
“Nhyira nka Israelhene!”
14 Yesu rekɔ no, na ɔte afurum ba bi so sɛnea Kyerɛwsɛm hyɛɛ ho nkɔm se,
15 “Nsuro, Ɔbabea Sion!
Hwɛ sɛ wo hene te afurum ba so
reba wo nkyɛn.”
16 Mfiase no, asuafo no ante eyinom nyinaa ase kosii sɛ wɔhyɛɛ Yesu anuonyam no ansa na wɔrekae se, Kyerɛwsɛm no aka saa asɛm yi nyinaa afa ne ho dedaw, na ɛno ara ne nea wɔayɛ no.
17 Nnipa a na wɔwɔ hɔ a wohuu sɛ Yesu nyan Lasaro fii awufo mu no kaa asɛm a esii no kyerɛɛ afoforo. 18 Eyi nti na nnipa bebree kɔɔ se wɔrekohyia Yesu kwan no, efisɛ na wɔate sɛ wayɛ anwonwade. 19 Farisifo no huu nea ɛrekɔ so no, wɔkae se, “Anyɛ yiye! Monhwɛ sɛ nnipa no nyinaa atu adi nʼakyi!”
Yesu Hyɛ Ne Wu Ho Nkɔm
20 Afahyɛbere no mu no, Helafo bi nso kɔɔ Yerusalem sɛ wɔrekɔsom. 21 Wɔkɔɔ Filipo a ofi Betsaida no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Owura, yɛpɛ sɛ yehu Yesu.” 22 Filipo kɔbɔɔ Andrea amanneɛ ma wɔn baanu kɔka kyerɛɛ Yesu.
23 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Bere no aso sɛ wɔbɛhyɛ Onipa Ba no anuonyam. 24  Mereka nokware akyerɛ mo se, sɛ wɔamfa burofua anhyɛ fam amma amporɔw na amfifi a, ɛda so yɛ burofua no ara, nanso sɛ ɛporɔw na efifi a, ɛsow aba pii. 25  Obiara a ɔdɔ ne kra no bɛhwere ne nkwa, na nea ɔnnɔ ne kra no benya nkwa a enni awiei. 26  Obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom me no, ɛsɛ sɛ odi mʼakyi, na baabiara a mewɔ no, ɛsɛ sɛ mʼasomfo nso wɔ hɔ bi.”
27 Yesu kae se, “Afei de, me kra ho yeraw no na asɛm bɛn na menka? Menka se, ‘Agya, gye me fi saa amanehunu yi mu ana?’ Nanso, eyi nti na wosomaa me baa wiase sɛ mimmehu amane. 28  Agya, hyɛ wo din anuonyam!”
Ɔkasa wiee no, nne bi fi ɔsoro kae se, “Mahyɛ no anuonyam dedaw na mɛsan mahyɛ no bio.” 29 Nnipakuw a na wɔwɔ hɔ no tee nne no, wɔkae se aprannaa na ɛrebobɔ mu. Ebinom nso kae se, ɔsoro ɔbɔfo na ɔkasa kyerɛɛ no.
30 Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo nti na saa nne yi kasae na ɛnyɛ me nti. 31  Afei, bere adu sɛ wobu wiase atɛn na wotu ɔbonsam a odi wiase so no gu. 32  Sɛ wonya ma me so fi asase so a, mɛtwe nnipa nyinaa aba me nkyɛn.” 33 Ɔkaa eyi de kyerɛɛ owu ko a obewu no.
34 Nnipa no kae se, “Kyerɛwsɛm no di adanse sɛ, Agyenkwa no renwu da. Adɛn nti na woka kyerɛ yɛn se, ‘Ɛsɛ sɛ wɔma Onipa Ba no so’. Hena ne saa Onipa Ba no?”
35 Yesu buaa wɔn se, “Me hann no bɛhyerɛn ama mo mmere tiaa bi mu. Ɛno nti, monnantew mu bere a mowɔ saa hann no mu yi nkɔ baabiara a mopɛ sɛ mokɔ, ansa na sum aduru; anyɛ saa a morenhu kwan. 36  Bere a mowɔ hann mu yi, munnye hann no nni na moayɛ hann no mma.” Yesu kaa nsɛm yi wiee no, ofii hɔ de ne ho kohintawee.
Yudafo Gu So Gye Akyinnye
37 Ɛwɔ mu sɛ na Yesu ayɛ anwonwade ahorow ama Yudafo no ahu de, nanso na wonnye no nni ara. 38 Eyi ne Odiyifo Yesaia asɛm a ɔkae se,
“Awurade, hena na wagye yɛn asɛnka adi?
Na hena nso na Awurade wʼanwonwadwuma no ada adi akyerɛ no?”
39 Yudafo no annye anni efisɛ, na Odiyifo Yesaia asan aka se,
40 “Onyankopɔn afura wɔn ani,
na wapirim wɔn koma,
sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrentumi nnan
mma me nkyɛn na masa wɔn yare.”
41 Yesaia kaa eyi faa Yesu anuonyam a daakye obenya a Onyankopɔn yi kyerɛɛ no no ho.
42 Mpo, na Yudafo mpanyimfo no mu pii gye Yesu di, nanso na wosuro sɛ, sɛ Farisifo no hu wɔn a, wɔremma wɔmma asɔredan no mu bio. 43 Na wɔpɛ sɛ nnipa bɛkamfo wɔn sen sɛ Onyankopɔn bɛhyɛ wɔn anuonyam.
44 Yesu teɛɛ mu se, “Obiara a ogye me di no, ɛnyɛ me nko na ogye me di, na ogye nea ɔsomaa me no nso di. 45  Na nea ohu me no hu nea ɔsomaa me no nso. 46  Maba wiase sɛ hann, na obiara a ogye me di no ankɔ so antena sum mu.
47  “Obiara a ɔte mʼasɛm na onni so no, meremmu no atɛn. Efisɛ mamma sɛ merebebu nnipa atɛn, na mmom, mebae sɛ merebegye wɔn nkwa. 48  Obiara a ɔpo me na onnye mʼasɛm nni no, otemmufo bi wɔ hɔ a obebu no atɛn. Me nsɛm a maka akyerɛ mo no na atemmuda no ebebu mo atɛn. 49  Nsɛm a maka no nyinaa, ɛnyɛ mʼankasa mʼadwene na mede ka kyerɛɛ mo, na mmom ɛyɛ nea Agya no ka kyerɛɛ me se menka nkyerɛ mo no. 50  Minim sɛ asɛm biara a Agya no ahyɛ me sɛ menka no de nnipa kɔ nkwa a enni awiei mu; enti asɛm a ɔbɛka akyerɛ me sɛ menka biara no, ɛno na meka!”