10
Oguanhwɛfo Pa No
“Mereka nokware akyerɛ mo Farisifo no se, onipa biara a ɔmfa nguankuw kwan ano na ɔfa ɔkwan foforo so foro kɔ mu no yɛ owifo. Onipa a ɔfa ɔkwan ano kɔ mu no ne oguanhwɛfo no. Ɔpon no anohwɛfo no bue ɔpon no ma no, na sɛ ɔfrɛ nguan no nso a wɔte ne nne ma ɔde wɔn fi adi. Sɛ ɔde wɔn fi adi a, odi nguan no anim na nguan no nso di nʼakyi, efisɛ wɔte ne nne. Wɔrenni onipa foforo biara akyi. Na sɛ ɔfrɛ wɔn a wɔremma, efisɛ wɔnte ne nne.” Yesu buu wɔn saa bɛ yi nanso nnipa no ante no ase.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn bio se, “Mereka nokware akyerɛ mo se mene nguannan no ano pon no. Wɔn a wodii mʼanim kan no yɛ awifo ne adwowtwafo; ɛno nti nguan no ante wɔn nne anni wɔn akyi. Mene ɔpon no. Obiara a ɔnam me so bewura mu no benya nkwa; wobewura mu asan afi adi na wobenya adidibea. 10  Owifo ba a, obewia anaasɛ obedi awu anaasɛ ɔbɛsɛe ade. Me de, maba sɛ ɛbɛyɛ a mubenya nkwa a edi mu.
11  “Mene oguanhwɛfo pa no. Oguanhwɛfo pa no ne obi a otumi de ne nkwa to hɔ ma ne nguan. 12  Obi a wɔabɔ no paa sɛ ɔnhwɛ nguan so no nyɛ nguan no wura; ɛno nti, sɛ ohu sɛ pataku reba a oguan gyaw nguan no hɔ, na pataku no tow hyɛ nguan no so ma wɔbɔ ahwete. 13  Ɔpaani no guan, efisɛ wɔabɔ no paa na nguan no yiyedi mfa ne ho.
14  “Mene oguanhwɛfo pa no. Minim me nguan na me nguan nso nim me, 15  sɛnea Agya no nim me na me nso minim Agya no. Masiesie me ho nso sɛ mewu ama nguan no. 16  Nguan afoforo bi wɔ hɔ a wɔyɛ me de nanso wonnya mmɛkaa saa nguankuw yi ho ɛ. Ɛsɛ sɛ mede wɔn nso bɛka saa nguankuw yi ho. Wobetie me nne na wɔbɛyɛ nguankuw baako a oguanhwɛfo baako pɛ na ɔhwɛ wɔn so. 17  Agya no dɔ me efisɛ masiesie me ho sɛ mede me nkwa bɛto hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a daakye me nsa bɛka bio. 18  Obiara rentumi nnye me nkwa mfi me nsam. Me ara me pɛ mu na mede bɛma. Mewɔ tumi sɛ mede ma na mewɔ tumi nso sɛ mesan gye bio. Eyi ne nea mʼAgya ahyɛ me sɛ menyɛ no.”
19 Asɛm a Yesu kae no nti, ɛmaa mpaapaemu baa Yudafo no mu. 20 Wɔn mu pii kae se, “Ɔwɔ honhommɔne! Nʼadwene mu ka no! Adɛn nti na mutie no?”
21 Afoforo nso kae se, “Onipa a ɔwɔ honhommɔne rentumi nkasa sɛɛ! Ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔwɔ honhommɔne betumi ama onifuraefo ahu ade?”
Yudafo Nnye Yesu Nni
22 Awɔw bere bi mu a Asɔredandwira duu wɔ Yerusalem no, 23 Yesu kɔpasee wɔ asɔredan no mu baabi a wɔfrɛ hɔ se Salomo Abrannaa so. 24 Yudafo no betwaa ne ho hyia kae se, “Wobɛma yɛatwɛn akosi da bɛn? Sɛ wone Kristo no a, pae mu ka kyerɛ yɛn.”
25 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Maka akyerɛ mo dedaw nanso munnnye me nni. Me nnwuma a menam mʼAgya tumi so yɛ no di me ho adanse, 26  nanso munnnye nni, efisɛ monyɛ me nguan. 27  Me nguan te me nne, me nso minim wɔn na wodi mʼakyi. 28  Mema wɔn nkwa a enni awiei a wɔrenwu da, na obi rentumi nhuam wɔn mfi me nsam. 29  MʼAgya a ɔde wɔn maa me no wɔ tumi sen obiara, na obiara rentumi nhuam wɔn mfi me nsam. 30  Me ne Agya no yɛ baako.”
31 Yudafo no san tasee abo sɛ anka wɔde rebesiw no. 32 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mayɛ nnwuma pa pii a Agya no de hyɛɛ me nsa sɛ menyɛ no ama moahu, na emu nea ɛwɔ he ho nti na mopɛ sɛ musiw me abo yi?”
33 Yudafo no buaa no se, “Ɛnyɛ wo nnwuma pa bi a woayɛ no nti na yɛpɛ sɛ yesiw wo abo, na mmom wʼabususɛm a wokae no nti. Woyɛ onipa desani nso woyɛ wo ho sɛ Onyankopɔn!”
34 Yesu buaa wɔn se, “Wɔakyerɛw wɔ mo ara ankasa mo mmara mu se, Onyankopɔn kae se, ‘Moyɛ anyame.’ 35  Ɛno nti sɛ Onyankopɔn nam anyamesɛm a ɛyɛ nokware so frɛ wɔn a Onyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no se ‘anyame’ a, 36  adɛn na sɛ nea Agya no somaa no baa wiase no ka se, ‘mene Onyankopɔn Ba no’ a muse waka abususɛm? 37  Sɛ menyɛ nnwuma a mʼAgya pɛ sɛ meyɛ no de a ɛno de, munnnye me nni. 38  Nanso sɛ meyɛ mʼAgya no nnwuma na sɛ munnnye me nni mpo a munnye nnwuma no nni sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi sɛ Agya no wɔ me mu na me nso mewɔ ne mu.” 39 Nkurɔfo no pɛɛ sɛ wɔkyere no bio, nanso wɔantumi.
40 Yesu san twa kɔɔ Yordan agya wɔ faako a Yohane bɔ asu no kɔtenaa hɔ. 41 Nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn. Wɔn mu dodow no ara kae se, “Yohane anyɛ anwonwade, nanso biribiara a ɔka faa saa ɔbarima yi ho no yɛ nokware.” 42 Nnipa a wɔwɔ hɔ no mu bebree gyee no dii.