9
Yesu Sa Onifuraefo Bi Yare
Yesu nam no, ohuu aberante bi a wɔwoo no onifuraefo, Nʼasuafo no bisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, hena na ɔyɛɛ bɔne, saa onifuraefo yi awofo anaa ɔno ankasa, nti na ɛma wɔwoo no onifuraefo yi?”
Yesu buae se, “Ɛnyɛ nʼawofo anaa nʼankasa bɔne nti na nʼani afura. Na mmom nʼani afura sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn tumi bɛyɛ ne ho adwuma. Esiane sɛ adesae nkyɛ ba no nti ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea ɔsomaa me no adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no. Sɛ ade sa a obiara ntumi nyɛ adwuma. Bere a mewɔ wiase yi de, mene wiase hann no.”
Ɔkaa saa no ɔtee ntasu guu fam de fɔtɔw dɔte na ɔde dɔte no sraa onifuraefo no ani so. Na ɔka kyerɛɛ no se, “Kɔ ɔtare Siloa no mu, na kɔhohoro wʼanim.”* Onifuraefo yi kɔ kɔhohoroo nʼanim san bae a, afei de ohu ade.
Onifuraefo no afipamfo a wohuu no sɛ ɔte kwan ho srɛsrɛ ade no huu no no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛnyɛ aberante a na ɔsrɛsrɛ ade no ni?”
Ebinom kae se, “Ɛyɛ ɔno,” na afoforo nso kae se, “Dabi, ɛnyɛ ɔno na mmom sɛ na ɔsɛ no.”
Aberante yi kae se, “Ɛyɛ me.”
10 Nnipa no bisaa no se, “Ɛyɛɛ dɛn na afei wuhu ade yi?”
11 Obuaa wɔn se, “Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu no fɔtɔw dɔte na ɔde sraa mʼani so na ɔka kyerɛɛ me se, ‘Kɔ ɔtare Siloa mu na kɔhohoro wʼanim’. Mekɔ kɔhohoroo mʼanim wiee ara pɛ na mihuu ade.”
12 Wɔsan bisaa no bio se, “Saa Yesu no wɔ he?”
Obuaa wɔn se, “Minnim.”
Farisifo Nsɛmmisa Wɔ Ayaresa No Ho
13 Wɔde aberante a na nʼani afura no brɛɛ Farisifo no. 14 Da a Yesu saa onifuraefo no yare no yɛ homeda. 15 Farisifo no nso bisaa aberante no sɛnea ɛyɛe a afei de ohuu ade. Aberante no kaa sɛnea Yesu de dɔte a wafɔtɔw sraa nʼani so na ɔkɔhohoro ma ohuu ade no kyerɛɛ wɔn.
16 Farisifo no mu bi kae se, “Onipa a ɔyɛɛ saa ade yi mfi Onyankopɔn hɔ, efisɛ onni homeda mmara no so.”
Afoforo nso kae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na ɔdebɔneyɛni a ɔte sɛɛ yi betumi ayɛ saa anwonwadwuma yi?” Saa akyinnye yi maa mpaapaemu baa wɔn mu.
17 Afei Farisifo yi san bisaa aberante no se, “Wo na wuse ɔma wuhuu ade, dɛn asɛm na woka fa ne ho?”
Aberante yi buae se, “Migye di sɛ ɔyɛ odiyifo a ofi Onyankopɔn nkyɛn.”
18 Yudafo no annye anni ara da sɛ, na saa aberante no yɛ onifuraefo a afei de ohu ade, kosi sɛ wɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ nʼawofo bae, 19 ma wobisaa wɔn se, “Mo ba ni ana? Mokyerɛ sɛ mowoo no no, na ɔyɛ onifuraefo ana? Ɛyɛɛ dɛn na afei de ohu ade yi?”
20 Nʼawofo no buae se, “Yegye to mu sɛ ɔyɛ yɛn ba, na yɛwoo no no nso, na ɔyɛ onifuraefo. 21 Nanso yennim nea enti a afei de ohu ade yi. Saa ara nso na yennim onipa ko a ɔma ohuu ade no. Ɔno ara ni, nʼani nso afi a obetumi akasa ama ne ho nti mummisa no.” 22 Nea ɛmaa nʼawofo no kaa saa ne sɛ, na wosuro Yudafo mpanyimfo no a wɔaka se, obiara a ɔbɛka se Yesu ne Agyenkwa no no, wɔbɛpam no afi asɔredan no mu hɔ no. 23 Eyi nti na nʼawofo no kae se, “Nʼani afi a obetumi akasa ama ne ho enti mummisa no” no.
24 Wɔsan frɛɛ aberante a na ɔyɛ onifuraefo no ka kyerɛɛ no se, “Hyɛ bɔ wɔ Onyankopɔn din mu se, asɛm a yɛrebebisa wo yi wubedi nokware. Yenim sɛ saa ɔbarima yi yɛ ɔdebɔneyɛni.”
25 Aberante no buaa wɔn se, “Me de, sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni o, sɛ nso ɔyɛ onipa pa o, ɛno de, minnim. Nea minim ara ne sɛ kan no na meyɛ onifuraefo na afei de mihu ade.”
26 Wobisaa no bio se, “Dɛn na ɔyɛɛ wo ma wuhuu ade?”
27 Aberante no de abufuw buaa wɔn se, “Maka nokware no akyerɛ mo, nanso moantie. Dɛn bio na mopɛ sɛ meka kyerɛ mo? Anaasɛ mo nso mopɛ sɛ mobɛyɛ nʼasuafo?”
28 Mpanyimfo no yeyaw no san kae se, “Wo mmom na woyɛ saa akoa no suani; na yɛn de, yɛyɛ Mose asuafo. 29 Yenim pefee sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose nanso saa Yesu yi de, yennim faako a ofi mpo!”
30 Aberante yi ka kyerɛɛ mpanyimfo no se, “Ɛyɛ me nwonwa yiye sɛ obi a otumi ma onifuraefo hu ade no mutumi ka se munnim faako a ofi. 31 Yenim sɛ Onyankopɔn ntie nnebɔneyɛfo asɛm; na mmom otie nnipa a wodi no ni na wɔyɛ nʼapɛde no. 32 Efi adebɔ mfiase, yɛntee da sɛ obi ama onifuraefo ahu ade; 33 sɛ ɔbarima yi mfi Onyankopɔn hɔ a anka ɔrentumi nyɛ anwonwade a ɛte sɛɛ.”
34 Mpanyimfo no nso de abufuw buaa no se, “Ɔdebɔneyɛni te sɛ wo na wopɛ sɛ wokyerɛkyerɛ yɛn?” Wosunsum no fii asɔredan no mu hɔ.
Honhom Mu Anifurae
35 Yesu tee sɛ wɔasunsum aberante no afi asɔredan no mu hɔ no, ɔhwehwɛɛ no bisaa no se, “Wugye Onipa Ba no di ana?”
36 Aberante no buaa no se, “Me wura, kyerɛ me saa Onipa Ba no sɛnea ɛbɛyɛ a megye no adi!”
37 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Woahu no dedaw; ɔno na ɔne wo rekasa yi.”
38 Aberante no de anigye kae se, “Awurade, migye di.” Afei ɔkotow Yesu.
39 Yesu kae se, “Mebaa wiase ha sɛ merebebu atɛn, na mama wɔn a wɔyɛ anifuraefo no ahu ade, na makyerɛ wɔn a wogye di sɛ wohu ade no sɛ, wɔyɛ anifuraefo.”
40 Farisifo a na wogyinagyina hɔ no bisaa no se, “Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ yɛyɛ anifuraefo ana?”
41 Yesu buaa wɔn se. “Sɛ mugye to mu sɛ moyɛ anifuraefo a, ɛno de anka munnni nea maka no ho fɔ. Esiane sɛ mugye to mu sɛ muhu ade nti motena afɔbu mu.”
* 9:7 Siloa nkyerɛase ne “Somaa”.