4
Paulo Afotu
Migyina Onyankopɔn ne Kristo Yesu a obebu ateasefo ne awufo ntɛn, ne ba a ɔbɛba ne nʼahenni no so hyɛ wo sɛ, ka asɛm no, na bere biara gyina ne ka mu dennen yi ntɛn. Ka anim, tu fo na kyerɛkyerɛ wɔ boasetɔ mu. Bere bi bɛba a nnipa rentie nkyerɛkyerɛ pa no, na mmom wobedi wɔn ara wɔn asɛde akyi na wɔaboaboa akyerɛkyerɛfo a wɔbɛka nsɛm a wɔrehwehwɛ atie no ano, na wɔaka akyerɛ wɔn. Wɔbɛpo nokware no tie, na wɔatie anansesɛm. Nanso mmere nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ wohwɛ wo ho so yiye. Mia wʼani wɔ amanehunu mu. Yɛ ɔsɛmpakafo adwuma na di wo dwuma nyinaa sɛ Onyankopɔn somfo.
Wogu so rehwie me sɛ afɔre ahwiesa, na bere abɛn sɛ migyaw asetena yi. Ɔko pa no, mako, mmirika no, mawie tu; gyidi no makora. Afei nea ɛwɔ ma me ne nkonim akyɛde, trenee ahenkyɛw a Awurade a ɔyɛ Otemmufo treneeni no de bɛma me da no, ɛnyɛ me nko, na mmom, wɔn a wɔatena ase wɔ ɔdɔ mu atwɛn no no nyinaa.
Nkyerɛkyerɛ A Etwa To
Bɔ mmɔden bra me nkyɛn ntɛm. 10 Dema dɔɔ nnɛ wiase yi ma ɔyɛɛ saa guan gyaa me hɔ kɔɔ Tesalonika. Kreske kɔɔ Galatia, Tito nso kɔɔ Dalmatia. 11 Luka nko ara na ɔne me wɔ ha. Fa Marko ka wo ho na wo ne no mmra, efisɛ obetumi aboa me adwuma no yɛ. 12 Mesomaa Tihiko kɔɔ Efeso. 13 Sɛ woreba a, fa mʼatade a migyaw wɔ Karpo nkyɛn wɔ Troa no brɛ me. Ɛyɛ a, fa me nwoma mmobɔwee no nso ka ho, ne titiriw no nea wɔde aboa nwoma yɛe no.
14 Aleksandro, kɔbere dwumfo no, haw me papaapa; Awurade betua no nea ɔyɛɛ no so ka. 15 Ɛyɛ a hwɛ wo ho yiye wɔ ne ho, efisɛ na ɔsɔre tia nsɛm a yɛka no mu denneennen.
16 Bere a mereyi me ho ano no, obiara ammoa me. Wɔn nyinaa guan gyaa me. Onyankopɔn mfa nkyɛ wɔn. 17 Nanso Awurade ne me tena maa me ahoɔden ma mitumi kaa asɛm no kyerɛɛ amanamanmufo ma wotiei. Ogyee me fii gyata anom. 18 Na Awurade begye me afi bɔne nyinaa mu na ɔde me akɔ ɔsoro Ahenni no mu wɔ asomdwoe mu. Ɔno na anuonyam nka no daa daa. Amen.
 
Nkradi
19 Kyia Priska ne Akwila ne Onesiforo fifo nyinaa ma me.
 
20 Erasto kaa Korinto na migyaw Trofimo wɔ Mileto, efisɛ na ɔyare. 21 Bɔ mmɔden bra ansa na awɔwbere adu.
 
Eubulo ne Pude ne Lino ne Klaudia ne anuanom no nyinaa kyiakyia wo.
 
22 Awurade ne wo honhom ntena. Adom nka mo nyinaa.